Kishore Kumar Hits

Sammie Obeng Poku - Wo Ye Onyame текст песни

Исполнитель: Sammie Obeng Poku

альбом: Wo Ye Onyame


Momma yɛmmɔ nkyenku
Na yɛmmɔ nsenku
Momma yenni kuntunkuni no ho nseku
Ahunuabobrim
Nea ɔtamfo hunu no a
Ɔbɔ brim brim!
Ɛma hu kye no te sɛ abɔbrimbrim
Ɔno ne Ɔboadeɛ
Nea ɔbɔɔ awia, bɔɔ mununkum
Ontonko na ɔnna
Ɔyɛ Onyame a, n'ani nkum
Nsuo bɛyɛ buor dɛn?
Ɔyɛ Onyame a, akodeɛ biara ntumi nkum
Momma yɛmmɔ ntotorobɛnto
Na Akristofoɔ bɛnto
Nwom mma Kantamanto
Nea ɔkan ntam a, ɔnto
Ɔno na sɛ yɛde obiara toto ne ho a, ɔntoto
Akorɔbɛto Nyame a, yɛkɔ san bɛto
Ɔno na sɛ yɛbɔ ne din a, kotodwe nyinaa koto
Ɛma ahonhom bɔne boto
Whɛ! Sɛ yɛdanoase a ɛnsa
Ɛfirisɛ ɔno na amansan da ne kon mu Kotuama saa
Owu yɛ nso ɔsɔree ne nna nsa
He is God
Ɔno ne Kokromoti a, yensan ne ho mmɔ pɔ
Ɛnti yentumi nkoatri no nyɛ biribi agye sɛ yenya no ansa
He is the answer
He is Jehova Rapha, God our healer
So you need to come to him with all your diseases even your cancer
Momma yɛnna no ase
Efirisɛ efiri abɔdeɛ mfitiaseɛ ɔyɛ Onyame a ɔte aseɛ
Whɛ! Ɔno na ɔbɔɔ soro ne asaase
Nti abɔdeɛ nyinaa hyɛ noase
Nti Akristofoɔ momma yɛnsɔre
Yɛnyɛ asɔre
Momma yɛnfa aseda afɔreɛ a asotwe nsɔre Ɔbɔrebɔre
He is the Adonai that you and I can't deny that He is the most high

Soro abɔfo nyinaa to dwom sɛ
Krɔnkrɔn ne Oguamma no
Ateasefoɔ baanan' o
Mpanyinfoɔ aduonum-nan
Wɔ koto sɔre Wo
Woyi w'ahenkyɛw nyinaa de gu fam o
Yɛwɔ Nyame Ɔtease daa
Kunimdifo Nyame o
Yeyi W'ayɛ daa daa
Ɔsoro Abɔfo, wɔnyinaa to dwom sɛ
Krɔnkrɔn mu krɔnkrɔn o ne Oguamma no
Ateasefoɔ baanan' o
Mpanyinfoɔ aduonum-nan
Wɔ koto sɔre Wo oo
Woyi w'ahenkyɛw nyinaa de gu fam o
Adofonom yɛwɔ Nyame a ɔtease daa
Owu ne asaman anni ne so oo
Yeyi Woayɛ sing with me everybody Woyɛ Nyame oo
(Woyɛ Onyame) Yesu'e
Woyɛ Onyame
(Yeyi Woayɛ daa daa) lift your voice with me
Efiri tete Woyɛ Nyame oo
(Woyɛ Onyame) Wo a woadi nkunim oo
Woyɛ Onyame(Yesu eh)
Yeyi Woayɛ daa daa
Woayemuye wɔ hɔ daa
Woayamuye wɔ hɔ daa
Onyame Woye oh oh oh
Woadɔyɛ etim hɔ daa
Efiri apueɛ o kosi atɔeɛ
Atifi kosi anafo
Yeyi Woayɛ daa daa
Woayemuye wɔ hɔ daa
Woahunumɔbrɔ tim hɔ daa
Onyame Woye oh oh oh
Woadɔyɛ etim hɔ daa
Efiri apueɛ o kosi atɔeɛ
Atifi kosi anafoɔ
Yeyi Woayɛ eh woyɛ Onyame o
(Woyɛ Onyame) Yesu eh
(Woyɛ Onyame) Ɔdɔmbarima
Yeyi Woayɛ daa daa
Efiri tete Woyɛ Nyame oo
(Woyɛ Onyame) Ahene mu Hene
(Woyɛ Onyame) Yesu eh
Yeyi Woayɛ daa daa
Woyɛ Nyame oo
Woyɛ Onyame
Woyɛ Onyame
Yeyi Woayɛ daa daa
(Woyɛ Onyame) Yesu eh
Woyɛ Onyame
Yeyi Woayɛ daa daa
Wɔmmɔ ntotorobɛnto mma no oo

Yeyi Woayɛ daa
Yeyi Woayɛ daa daa
Yeyi Woayɛ daa
(Yeyi Woayɛ daa) let me hear you
Yeyi Woayɛ daa
Yeyi Woayɛ daa daa
Yeyi Woayɛ daa
Yeyi Woayɛ daa daa
Yeyi Woayɛ daa
Yeyi Woayɛ daa daa

Woyɛ Onyame
Yeyi Woayɛ

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители

KODA

Исполнитель