Kishore Kumar Hits

Soul Winners - Nyame Asem текст песни

Исполнитель: Soul Winners

альбом: Wala Abolo


Osoro yi nyinaa betwa mu akɔ
Asaase yi nyinaa betwa mu akɔ
Nyame asɛm no deɛ, ɛrensesa
Osoro yi nyinaa betwa mu akɔ
Asaase yi nyinaa betwa mu akɔ
Nyame asɛm no deɛ, ɛrensesa kraaa
Asɛm no na wɔde boo wiase
Asɛm no na wɔde boo onipa
Asɛm no, woakotiri no anyɛ biribiara wɔyɔɔyɛ
Asɛm no, emu na ɛnkwa wɔ
Nkwa yi, ɛno ne nnipa han
Ɛhan yi so, ɛno ne Jesus

Mede woasɛm ahyɛ m'akoma mu na m'anyɛ bɔne antia wo
Mede woasɛm ahyɛ m'akoma mu na m'asɔ woani dabaa
Afei asɛm no anyini
Abɛyɛ me nan ase kanea
Mese asɛm no anyini
Abɛyɛ me kwan so han
Ama me anidaso wɔ soro ahenman no mu
Ama m'anya nkwa
Nkwa a enni awieeɛ o

Sɛ osoro ne asaase yi twa mu kɔ na sɛ
Trobɛnto no gyegye a
Awufuo nyinaa a woawi Kristomu
Wɔbɛsɔre!
Gyidifoɔ nyinaa, wɔn ano bɛboa o
Ohwim no bɛba na y'akohyia Awurade
Yɛbɛkɔ Paradise, yɛbɛkɔ akodi ahurusie
Ɔko nni hɔ, yareɛ nni hɔ
Ɔhaw nni hɔ, amaneɛ nni hɔ biom
Mese ɛyɛ deɛn nti na dɛw ahyɛ m'akoma mu yi?
Nyame asɛm nti
Ɛyɛ deɛn nti na dɛw ahyɛ woakoma mu yi?
Nyame asɛm nti
Yɛrekɔ soro o yɛnam (Nyame asɛm)
Yɛrekɔ heaven o yɛnam (Nyame asɛm)
(Nyame asɛm)
(Nyame asɛm)
(Nyame asɛm)
(Nyame asɛm)
(Nyame asɛm)
(Nyame asɛm)
(Nyame asɛm)

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители

KODA

Исполнитель

Nacee

Исполнитель