Kishore Kumar Hits

Minister OJ - Ma Ye Se Mo Pen текст песни

Исполнитель: Minister OJ

альбом: Nokwasem


Akwadaa ahunu daakye ama n'ani agye
Nanso me panyin deɛ afem mese
Yie ne ɛmerɛ nka so o
Nanso ahwɛyie a m'anyɛ nti
M'akeka me mere so asinasini
Ao, anka m'ayɛ sɛ mo pɛn
Akwadaa hunu daakye aman n'ani agye
Ɔpanin twa n'ani a na ne werɛ aho
M'awerehosɛm paa na mereka yi
Me ntam kɛseɛ na merebɔ so yi
Memerante brɛ mu m'antie afutuo
Ɛnɛ me na me nie ooo
Meranteɛ ne mmabaawa a motie me
Anka m'ayɛ sɛ mo da oo
(Ooo ooo ooo ooo o)
(Ooo ooo ooo ooo o)
Anka m'ayɛ sɛ mo pɛn
Sukuu yi m'awofoɔ de mekɔɔ bi
Nanso nkodaabɔnesɛm nti
M'anyere me ho ansua adeɛ
Wɔyii me adi kwan so
M'ayɛ adikan bɛdi akyire
Maafoɔ nyina ayɛ yie agya me
Nti ma monfa mo adesua yi nni agorɔ
Ma monfa mo adesua ɛnni agorɔ koraa aaa
Anka ɛmerɛ bɛtumi asan n'akyi aaa
Anka saa mfonsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio
Anka mesan ayɛ akwadaa bio a
Anka saa mfonsoɔ a myɛɛ yei anka menyɛ bio
M'ayɛ sɛ mo pɛn
Sika ne ahoɔfɛ na mewɔ bi oo
Medii sika yi nyinaa wɔ m'anum
Mede mahoɔden nyinaa so maa mmaa
Dwamanbɔ samufoɔ a na mesa mmaa mu
Ɛnɛ mpo deɛ aban agye me tuo yi
M'afri me mɛɛma yɛ mu
M'asan mpo akɔfa yadeɛ
Mayɛ sɛ mo pɛn
Mesii so na menim nsa we paa
Mewee nsa aa ma netwaa me foto
Ɛnsa ama me atrofe oo
Nɛ mesɔ adeɛ mu a na mensa ɛpopo
Ahoɔden no nni hɔ bio
Na sɛ afei na wosua ɛnsa nom a
Ma mentu wo fo sɛ gyae no nɛ yiaa
Aooo, anka merɛ bɛtumi asan n'akyi a
Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio
M'anu meho paa
Anka meesan ayɛ akwodaa bio aa
Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio
M'anu meho paa
Anka merɛ bɛtumi asan n'akyi a
Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio
Anka mɛsua yansa wɔ abrabɔ yi mu
Anka meesan ayɛ akwadaa biem a
Anka mentoto meho ase
Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio
M'ayɛ sɛ mo pɛn
Mebaa abrokyire no na me sua oo
Nanso club aniagyeɛ nti
M'anya agyapadeɛ bia wɔ fie oo
Nnɛ m'anyini adu me mpanyin fie so
Abrokyire tena afono me oo
Nanso mentumi nkɔ menkyi bio
M'aba abɛka obi man so
Agya eh! Agya eh! Agya eh!
Agya eh! boa me, Nana Onyame boa me
Boa me, boa me, boa me, huuuu
Agya eh! boa me Nana Onyame boa me

Onipa hu Nyame ntɛm a ɔnya ahotɔ
Mefaa Yesu ntɛm a anka ma merɛ
Azaa ne lalasulala yi
Ɔkyɛɛ me asaase ma me tɔn yɛ
M'antumi mpo ansi fie oo
Ɛnkrɔfoɔ fie mu atena tuo
Menya baabi mfa me ti nto
Mekonkɔn obi mantwea tesɛ adwee
Montie m'afutusɛm yi
Anka ɛmerɛ bɛtumi asan n'akyi a
Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ biO
Meranteɛ ne mmabaawa a motie me
Montie afutusɛm yi
(Anka mesan ayɛ akwadaa bio a)
Ɛmerɛ yɛnni ka so oo
(Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio)
Anka mɛfa mu nyansa paa
Anka mɛfa meho adwen paa
(Agya eh! boa me Nana Onyame boa me) m'ama neɛma aka akyire oo
Onyame sɛ w'ansɔ me mu a
Menni obiara m'aba wonkyɛn woate
(Agya eh! boa me Nana Onyame boa me) sɔ me mu o, sɔ me mu oo Onyame eh
Dwankɔbea, madwene atoa wo
Dwankɔbea, madwene atoa wo
Anka merɛ bɛtumi asan n'akyi a
Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio
M'anu me ho paa
Anka mesan ayɛ akwadaa bio aa
Anka saa mfomsoɔ a meyɛɛ yei anka menyɛ bio

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители

Nacee

Исполнитель