Kishore Kumar Hits

Minister OJ - Onipa Hia Mmoa текст песни

Исполнитель: Minister OJ

альбом: Oboafo


Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔwɔ nkwa
Onipa hia mmoa
Onipa hia mmoa oh oh
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔwɔ nkwa
Onipa hia mmoa
Yehia mmoa oh oh
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Ɔboafoɔ yɛna oo
Ɔboafoɔ yɛna oo
Nipa pii nyaa aboafoɔ wɔ abrabɔ ahyɛaseɛ a
Nka wo duru akyirekyire
Yɛwɔ mmoa bi a, yɛmmoa nipa nnɛ
Yɛwɔ mmoa bi a, yɛmmoa nipa nnɛ
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Ɔboafoɔ yɛna oo
Ɔboafoɔ yɛna oo
Nipa bebree nyaa aboafoɔ wɔ abrabɔ ahyɛaseɛ a
Nka wo duru akyirekyire
Nipa hia mmoa oo, onipa hia mmoa oo
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔwɔ nkwa
Onipa hia mmoa
Onipa hia mmoa oh oh
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔwɔ nkwa
Onipa hia mmoa
Ohia mmoa oh oh
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo
Odan firifiri nna fɔm
Dea onya boafoɔ tumi gyina brane
Wiase yi boafo papa ne Nyankopɔn
Nanso Nyame bɛboa nipa a, ɔde fa nipa so
Nipa hia mmoa o, onipa hia mmoa o
Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo

Nipa bi ho yɛ ahomete o
Nipa bi nni nkaeɛ koraa
Papa yɔ de nipa bi akɔ amaneɛ mu
Ama afoforɔ bi kra akoto afa adɔyɛ ho
Nanso Nyame asɛm kyerɛ yɛn sɛ
Mma yennyae papayɛ da oo
Papa biara a yɛyɔ no nnɛ no
Bue kwan to hɔ ma yɛn ne y'asefoɔ daakye
Sɛ Onyame ma wo bi a
Ɛnyɛ wo nko ara yɛfunu ntia o
Sɛ akwanya ba ma wo a
Boa afoforɔ a wohia mmoa
Sɛ Onyame ma wo bi a
Ɛnyɛ wo nko ara yɛfunu ntia o
Sɛ akwanya ba ma wo a
Boa afoforɔ a wohia mmoa
Onipa hia mmoa oo
Onipa hia mmoa oo

Yɛwɔ sika a, yɛnfa mmoa ateasefoɔ
Na obi nnim awieeɛ o
Yɛwɔ adagyeɛ, yɛnnya mma ateasefoɔ
Na obi nnim daakye asɛm
Onipa wu a, ɔnnte n'akyire asɛm
Dea aka yɛ ɔne ne Nyame ntam asɛm
Nti wo wɔ mmoa bia, boa me nnɛ
Boa me wɔ mmerɛ a metease oo
Sɛ wo wɔ biribi ma me a, ma me nnɛ oo
Nnɛ yi ara na mehia wo mmoa oo
Ntwen ma me nwu nkɔ ansa
Ɔkyena bi menso mɛyɛ nipa oo
Nnɛ yi ara na mehia wo mmoa oo
Sɛ woboa me a
Ɔkyena bi menso mɛyɛ nipa

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители

Nacee

Исполнитель