Kishore Kumar Hits

Cindy Thompson - Ao Mekra текст песни

Исполнитель: Cindy Thompson

альбом: Cindy's Messiah


Ao, me kra, yi Nyame ayɛ!
Ɔno nko na Ɔsɛ ayeyi
Ao, me kra, yi Nyame ayɛ!
Ɔno nko na Ɔsɛ nnaase
Ao, me kra, yi Nyame ayɛ!
Ɔno nko na Ɔsɛ ayeyi
Ao, me kra, yi Nyame ayɛ!
Ɔno nko na Ɔsɛ nnaase
Ɔyɛ ɔbatan pa, N'ayemye yɛ kɛse
Ɔno na wama yɛanya nkwagye
Mmoborɔhunufo Agya, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ɔno
Ɔno nko na Ɔsɛ ayeyi
Ɔyɛ ɔbatan pa, N'ayemye yɛ kɛse
Ɔno na wama yɛanya nkwagye
Mmoborɔhunufo Agya, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ɔno
Ɔno nko na Ɔsɛ ayeyi

Yeh, hey-hey, hey
Yehowa, Wo na yɛyi W'ayɛ daa
Daadaa Agya Domfo
Wo na yɛda, Wo mma, yɛda W'ase
Sɛ yɛhwɛ ɔdɔ a Wowɔ ma Wo mma a
Adwen ne koma ntumi nte ase
Nka ɔdasani ne hena a Wo Awurade, Wokae no?
Onipa ba ne hena a Wo Awurade, W'ani ku ne ho?
Ɛno nti, yɛfiri yɛn mu adeɛ nyinaa, yɛhyɛ Wo animuonyam daa, ei

(Ao, me kra) ao, me kra
(Yi Nyame ayɛ!) Ao, me kra
(Ɔno nko na) Ɔno nko na
(Ɔsɛ ayeyi) Ɔsɛ ayeyi, m'Agya Onyame, Ɔsɛ nnaase
(Ao, me kra, yi Nyame ayɛ!)
Ɛno nti na ɛsɛ 'nka yɛmbɔ no ose, nhyɛ N'animuonyam daa
(Ɔno nko na Ɔsɛ nnaase) Ɔsɛ ayeyi daadaa nyinaa o
(Ao, me kra) ɔkra ei!
(Yi Nyame ayɛ!) Ao, ɔkra ei!
(Ɔno nko na) wo Nyame yi, Wayɛ bi ama wo o
(Ɔsɛ ayeyi) hyɛ No animuonyam, wai? Ɔkra ei!
(Ao, me kra) da N'ase daa
(Yi Nyame ayɛ!) Wahwɛ wo so wo nkwa nna nyinaa
(Ɔno nko na Ɔsɛ nnaase) efiri sɛ wo Nyame yi
(Ɔyɛ ɔbatan pa) N'ayemye
(N'ayemye) N'adɔeɛ yi aah (yɛ kɛse) etim hɔ daa daa nyinaa
(Ɔno na Wama yɛanya nkwagye)
Ɔno na Wama wo anya nkwagye
(Mmoborɔhunufo Agya) Mmɔborɔhunufo Agya ei!
(Obiara nni hɔ a) Nyame biara (ɔte sɛ Ɔno) nni hɔ a ɔte sɛ Ɔno o
(Ɔno nko na Ɔsɛ ayeyi) efirisɛ wo Nyame yi
(Ɔyɛ ɔbatan pa) N'ayemye
(N'ayemye) N'adɔeɛ yi aah (yɛ kɛse) ewɔ hɔ daa daa nyinaa
(Ɔno na Wama yɛanya nkwagye)
Ɔno na Wama wo anya nkwagye
(Mmoborɔhunufo Agya) Mmɔborɔhunufo Agya ei!
(Obiara nni hɔ a) Nyame biara (ɔte sɛ Ɔno) nni hɔ a ɔte sɛ Ɔno o
(Ɔno nko na Ɔsɛ ayeyi)

Yeh, hey-hey, hey
Yehowa, Wo na yɛyi W'ayɛ daa
Daadaa Agya Domfo
Wo na yɛda, Wo mma, yɛda W'ase
Sɛ yɛhwɛ ɔdɔ a Wowɔ ma Wo mma a
Adwen ne koma, yɛn deɛ yɛntumi nte ase
Nka ɔdasani ne hena a Wo Awurade, Wokae no?
Onipa ba ne hena a Wo Awurade, W'ani ku ne ho?
Ɛno nti, yɛfiri yɛn mu adeɛ nyinaa, yɛhyɛ Wo animuonyam daa, ei

(Ao, me kra) ao, me kra
(Yi Nyame ayɛ!) Ao, me kra
(Ɔno nko na) Ɔno nko na
(Ɔsɛ ayeyi) Ɔsɛ ayeyi, m'Agya Onyame, Ɔsɛ nnaase
(Ao, me kra, yi Nyame ayɛ!)
Ɛno nti na ɛsɛ 'nka yɛmbɔ no ose, nhyɛ N'animuonyam daa
(Ɔno nko na Ɔsɛ nnaase) efirisɛ wo Nyame yi
(Ɔyɛ ɔbatan pa) N'ayemye
(N'ayemye) N'adɔeɛ yi aah (yɛ kɛse) etim hɔ daa daa nyinaa
(Ɔno na Wama yɛanya nkwagye)
Ɔno na Wama wo anya nkwagye yi o
(Mmoborɔhunufo Agya) Mmɔborɔhunufo Agya ei!
(Obiara nni hɔ a) Nyame biara (ɔte sɛ Ɔno) nni hɔ a ɔte sɛ Ɔno o
(Ɔno nko na Ɔsɛ ayeyi) efirisɛ w'Agyenkwa
(Ɔyɛ ɔbatan pa) N'ayemye
(N'ayemye) Ne mmɔborɔhunu yi aah (yɛ kɛse) ewɔ hɔ daa daa nyinaa
(Ɔno na Wama yɛanya nkwagye)
Ɔno na Wama wo anya nkwagye yi o
(Mmoborɔhunufo Agya) Mmɔborɔhunufo Agya ei!
(Obiara nni hɔ a) Nyame biara (ɔte sɛ Ɔno) nni hɔ a ɔte sɛ Ɔno o
(Ɔno nko na Ɔsɛ ayeyi) efirisɛ wo Nyame yi

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители

KODA

Исполнитель

Nacee

Исполнитель