Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Me Mpaebo текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Classic Tunes of Daddy Lumba


Me mpaebɔ yi
Me mpaebɔ ni o
Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya ei, me mpaebɔ yi a
Adom Wura, me mpaebɔ ni o
Paapa ei, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Me mpaebɔ yi
Me mpaebɔ ni o
Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya ei, me mpaebɔ yi
Adom Wura, me mpaebɔ ni o
Paapa ei, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Mpaebɔ tiefoɔ Nyame ei
Agya ei, na Wo mma rebrɛ o
Na Wo mma rebrɛ wɔ abrabɔ yi mu
Me ne ɔhyɛbrɛ yi adi asie biara
Mebɔ ɔbra nso a menhunu ano
Ama menenam nkorɔfoɔ nkuro nso, ha
Afei deɛ matɔ baha o
Meteam nso a, ohinifoɔ mma
Paapa ei, na agye Wo nkoaa
Agya, Woyɛ Onyame dada no ara
Wo nsam' na ɔgyeɛ ne ɔma wɔ
Nti tie me sufrɛ, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Ohia ama animuonyam abɔ me o
Antemmerewama paa nie a, ɛnnɛ yɛretwe me sɛ sonsono, ha
Sɛkyerɛni ba ei, m'asɛm ni o
Mede me hia yi rebɛkɔ owuo ni?
M'Agya, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Agya ei, me yareɛ yi o
Makyinkyini, akyinkyini, akyini, akyini a
Paapa, menya ɔhwɛfoɔ
Wo na wosaa ɔyarefoɔ bi yareɛ
Ɛwɔ homeda mpo no
Enti tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Ai
Santan, santan, whoa

Osutani baa ei, Tiwaa ei
Me yafunu yi deɛ m'abrɛ o
Paapa, me mpaebɔ nie
Woyɛɛ bi de maa Sarah a
Ɛmma wo werɛ mfiri wo ba o
Ma menwo mfa me ho, mfa me ba
Yie ei, mede no bɛto Nyamekyɛ o

Awoɔ na yɛrewo a yɛrekɔ no bebereebe yi
Awoɔ, yɛdi no wɔ ahiafuro o
Paapa, me mpaebɔ nie, ha
Woyɛɛ bi de maa Sarah a
Ɛmma wo werɛ mfiri wo ba o
Ma menwo mfa me ho, mfa me ba
Yie ei, mede no bɛto Nyamekyɛ o
Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Me mpaebɔ yi
Me mpaebɔ ni o
Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Agya ei, me mpaebɔ yi a
Adom Wura, me mpaebɔ ni o
Paapa ei, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim

Me mpaebɔ yi
Me mpaebɔ ni o
Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Me mpaebɔ yi
Adom Wura, me mpaebɔ ni o
Paapa ei, tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim
Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
M'Agya (tie me sufrɛ o, ma me mpaebɔ nnuru W'anim)
Agya (tie me sufrɛ o, ma me mpaebɔ nnuru W'anim)
Ha (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim)
Mmm (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim)
Agya (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim)
Tie me sufrɛ ei, ma me mpaebɔ nnuru W'anim
M'Agya (tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'anim)
Tie me sufrɛ ei, (ma me mpaebɔ) Agya (nnuru W'anim) tie me sufrɛ o
Tie me sufrɛ ma me mpaebɔ nnuru W'a-

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители