Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Odo Fakye текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Classic Tunes of Daddy Lumba


Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Ɔdɔ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nya me o
Nana Ernest ei
Ɔdɔ fakyɛ o

Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, mese
Ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nya me o
Dada Lumba ei
Ɔdɔ fakyɛ o

Me ne ɔdɔ ara na ɛteɛ
Yɛde ɔdɔ ne akoma pa
Atena mfirinhyia beberee
'Naano' asɛm a ɛsiieɛ nti
Me buroni de abufuo
Apam me sɛ menkɔ
Maka m'anum nsɛm nyinaa
Apa ɔdɔ kyɛw
Ɔdɔ se kyenkyene ara a, menkɔ
Me nso so mekɔ a ɛnyɛ yie
Ɔdɔ asi m'aso
Mentumi nkɔ ngya wo, me fa o
Me fa o
Nti ɛyɛ baako deaa afa ei
Dada Lumba ei
Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Ɔdɔyɛwu ei, na ɛbaa no sɛn?
Ɛna woagya me ani yi?
Ɔdɔ agyegye me konkɔn so
Agya me nsubunu ani
Me buroni ei, sɛ 'woanwaa' me a
Ɛnneɛ mɛbɔ me ho tuo
Nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Nana Sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
Dada Lumba ei, Kwadwo Fosu ara, ei
Akosua Brempɔmaa, me nua baa woyɛ ateaa
Yie ei, Nana Ernest ei, m'animuonyamfoɔ
Nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Nana Sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
Dada Lumba ei, m'ahoɔfɛ dua ei
Akosua Brempɔmaa, me buroni woyɛ ateaa
Yie ei, Nana Ernest ei, m'animuonyamfoɔ ah
Nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Sɛ ɛbɛumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Ɔdɔ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nya me o
Nana Ernest ei
Ɔdɔ fakyɛ o

Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, hwɛ!
Ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nsere me o
Yie ei, yie ei o
Ɔdɔ fakyɛ o

Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, hwɛ!
Ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nsere me o
Nana Sɛɛwaa ei
Ɔdɔ fakyɛ o, oh

Ɔdɔyɛwu ei, kae da bi
Ɔdɔ, mma wo werɛ mfi o
Kae bɔ bi a wohyɛɛ me no
Ɛberɛ a yɛhyiaa kanee o
Wohyɛɛ me bɔ sɛ, ɔdɔ yɛnni nka so o
Wei ɛmaa me nyaa awerɛhyɛmu sɛ
Mahyia asubɔnten dɔ
Ɔdɔ a ɛnni awieɛ o
Wosan nso hyɛɛ me bɔ sɛ
Me ne wo mmienu dɔ yi
Obi twe tuo mpo a mma memmɔ hu
Afei deɛ ɔdɔ na adɛn?
Ɛna adeɛ nsaae
Nso woama nkwanta ayera me yi
Yie ei, ɔdɔ ei
Nti sɛ ɛbɛtumi deaa
Sɛ ɛbɛtumi a
Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Ɔdɔ ei, berɛ a yɛhyiaa kanee no
M'awofoɔ ampene so
Nso ɛnam ɔdɔ a medɔ 'woɔ' nti
Ɔdɔ ei, mepoo m'awofoɔ
Mebɛdii w'akyi
Mede me ho nyinaa maa wo
Ɔdɔ na ɛnam wo nti
M'awofoɔ apo me o
Me buroni, na ɛnam wo nti
Me nnamfofoɔ apo me o
Ɔdɔyɛwu na ɛnam wo nti
Manya atamfo beberee
Nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Me nko ara m'anidaso ei, ɛyɛ a fakyɛ o
Nana Sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
Dada Fosu ei, Dada Lumba ei
Akosua 'Foowaa', me nua baa woyɛ ateaa
Yie ei, Nana Akyeampɔn ei, m'animuonyamfoɔ
Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, oh
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Nana Sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
Dada Lumba ei, m'ahoɔfɛ dua ei
Akosua 'Foowaa', me nua baa woyɛ ateaa
Yie ei, Nana Akyeampɔn ei, m'animuonyamfoɔ
Nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Sɛ ɛbɛumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, hmm
Ɔdɔ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nya me o
Nana Ernest ei
Ɔdɔ fakyɛ o

Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, hmmm
Ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nsere me o
Nana ei
Ɔdɔ fakyɛ o

Me buroni ei, kae da bi
Ɔdɔ, mma wo werɛ mfi o
Kae bɔ bi a wohyɛɛ me no
Ɛberɛ a yɛhyiaa kanee o
Wohyɛɛ me bɔ sɛ, ɔdɔ yɛnni nka so o
Wei ɛmaa me nyaa awerɛhyɛmu sɛ
Mahyia asubɔnten dɔ
Ɔdɔ a ɛnni awieɛ o
Wosan nso hyɛɛ me bɔ sɛ
Me ne wo mmienu dɔ yi
Obi twe tuo mpo a mma memmɔ hu, ao na
Afei deɛ ɔdɔ na adɛn?
Ɛna adeɛ nsaae
Nso woama nkwanta ayera me yi
Yie ei, ɔdɔ ei
Nti sɛ ɛbɛtumi deaa
Sɛ ɛbɛtumi a
Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Ɔdɔ ei, berɛ a yɛhyiaa kanee no
M'awofoɔ ampene so
Nso ɛnam ɔdɔ a medɔ 'woɔ' nti
Me buroni ei, mepoo m'awofoɔ
Mebɛdii w'akyi
Mede me ho nyinaa maa wo
Ɔdɔ na ɛnam wo nti
M'awofoɔ apo me o
Ɔdɔ na ɛnam wo nti
Me 'nnamfofoɔ' apo me o
Ɔdɔyɛwu na ɛnam wo nti
Manya atamfo beberee
Nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Me nko ara me buroni ah-ei, ɛyɛ a fakyɛ o
Nana Sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
Dada Lumba ei, Kwadwo Fosu ah-eh
Akosua Brempɔmaa, me nua baa woyɛ ateaa
Yie ei, Nana Akyeampɔn ei, m'animuonyamfoɔ
Nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Nana Sɛɛwaa, me nko ara me buroni o
Dada ei, Charles ei, m'ahoɔfɛ dua ah-ei
Akosua 'Foowaa', me nua baa woyɛ ateaa
Yie ei, Nana Ernest ei, m'animuonyamfoɔ ah
Nti ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, haha
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o, haha
Me nko ara m'ahoma teaa, ɛyɛ a fakyɛ o
Ɔdɔ fakyɛ na ɛmma m'atamfo nya me o
Nana Ernest ei
Ɔdɔ fakyɛ o, oh

Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o (oh Nana Akua)
Ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nsere me o
Ernest buroni ah-eh
Ɔdɔ fakyɛ o

Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o, ha
Ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nsere me o
Yie ei, yie ei, yie ei, oh
Ɔdɔ fakyɛ o, whoa

Sɛ ɛbɛtumi deaa, nka ɔdɔ fakyɛ o
Ahoɔfɛ fakyɛ, na ɛmma m'atamfo nsere me o
Akosua Sɛɛwaa ei
Ɔdɔ fakyɛ o

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители