Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Nko Gyae Me текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Classic Tunes of Daddy Lumba


Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ ei, nkɔ nnya me o
Kaakyire ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Me ara m'ahoɔfɛ (ateaa) bra o, na mese
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu

Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ ei, nkɔ nnya me o
Kaakyire ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Me ara m'ahoɔfɛ (ateaa) bra o, na mese
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu

Wo nko wonni hɔ a, anika anika
Ɔdɔ agya me anika
Ɔdɔ nni hɔ a, m'ani nka o
Ɔdɔ nni hɔ a awerɛhoɔ nko ara
M'ani nka obiara anim
Ɔdɔ bɛba ne da bɛn ni ao?
Ɔdɔ, wo ho adwendwen nti
Me ne amanfoɔ aka
Sɛ woanhwɛ a, awerɛhoɔ bɛku me ao
Obidombie ahomateaa
Ɛmma awerɛhoɔ nku me o
Ɛmma aserefoɔ nsere me ao
Ɔdɔ ei, m'ani agyina wo o
Maame Sɛɛwaa, bra o
Sɛ woamma a, awerɛhoɔ bɛku me a
Nti ɛnkɔ nnya me o
Na ɛnkɔ nnya me, ɛnkɔ nnya me o
Na ɛnkɔ nnya me o
Ɔdɔyɛwu ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ, anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ ei, nkɔ nnya me o
Kaakyire ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Obidombie ei bra o, na mese
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu

Sɛɛwaa na enim me yam mu kɔm
Akosua Sɛɛwaa
Ɔdɔ akɔ ama ɛkɔm ade me
Ɔdɔ, wowɔ hɔ a nka madidi
Me buroni wɔ hene a?
Seisei ɛkɔm de ɔdɔ o
Ɔdɔyɛwu ei, yɛ no ntɛm bra o
Bɛma me aduane nni
Na ɛkɔm kuro atu me yam
Ɔdɔ aduane ara na mepɛ
Ɔdɔ sa nsuo a na ɛmen
Ɔdɔyɛwu yɛ me dɔ wiase o
Nti ɛnkɔ nnya me o
Na ɛnkɔ nnya me, ɛnkɔ nnya me o
Na ɛnkɔ nnya me o
Ɔdɔyɛwu ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ, anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ ei, nkɔ nnya me o
Kaakyire ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Me ara m'ahoma (ateaa) bra o, na mese
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ɔdɔ ei
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ ei, nkɔ nnya me o
Kaakyire ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Obidombie ei bra o, na mese
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu

Onwunu dwo na mete abɔnten
Na nnomaa rekɔ da a
Wɔtaa nam baanu baanu
Ɛba saa a na m'ani agyina
Na mafe ɔdɔ o
Sɛsɛɛ ɔdɔ, wo da mmaabi o
Ɔdɔ nni hɔ a awɔ nko ara
Ɔdɔ amma ntɛm a
Dasuo mu ara, awɔse bɛku me o
Mekɔ dan mu a mentumi nna o
Ɔdɔ ho daeɛso
Anigyina ne awerɛhoɔ
Ɛmu nkɔmmɔm nti
Nana Ama, awɔ bɛku me
Nti ɛnkɔ nnya me o
Na ɛnkɔ nnya me, ɛnkɔ nnya me o
Na ɛnkɔ nnya me o
Ɔdɔyɛwu ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ, anyɛ saa a mɛwu, Sɛɛwaa ei
Ei, Dada Lumba, mese
Wo dɔ yɛ dangerous, Sɛɛwaa anaa?
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ ei, nkɔ nnya me o
Kaakyire ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Me ara m'ahoma teaa (obidombie ei bra o) na mese
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu

Sɛɛwaa na enim me yam mu kɔm
Akosua Sɛɛwaa
Ɔdɔ akɔ ama ɛkɔm ade me
Sɛɛwaa, wowɔ hɔ a nka madidi
Me buroni wɔ hene a?
Seisei ɛkɔm de ɔdɔ o
Ɔdɔ aduane ara na mepɛ
Ɔdɔ sa nsuo a na ɛmen
Ɔdɔyɛwu yɛ me dɔ wiase o
Nti ɛnkɔ nnya me o
Na ɛnkɔ nnya me, ɛnkɔ nnya me o
Na ɛnkɔ nnya me o
Ɔdɔyɛwu ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ, anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ ei, nkɔ nnya me o
Kaakyire ei, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ahoɔfɛ ei
Nkɔ nnya me o
Me ara me Nana Akua, Nana se
Nkɔ nnya no o, Ernest
Ɔdɔ anyɛ saa a ɔbɛwu

Nkɔ nnya me o
Ɔdɔ ei, nkɔ nnya me o
Akyire yi, nkɔ nnya me o
Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, Ɔdɔ anyɛ saa a mɛwu, ɔdɔ (ahoɔfɛ) ei
Nkɔ nnya me o
Me ara m'ahoma teaa (obidombie ei bra o) na mese
Nkɔ nnya me o

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители