Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Mene Odo Na Ebeko текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Sesee Wo Se


To my friends
Thank you very much for your prayers
Your support and your loyalty
Lumba loves you all
I really love you all
Thank you

Musuo nka nea ɔpɛ me sɛe eh-eh-ei (musuo nka wo)
Musuo nka nea ɔpɛ me animguaseɛ o, K Fosu ei (musuo nka wo)
Yɛnsɛe o, yɛnseɛ da o
Yɛnsɛe da o, Brakatu

Musuo nka nea ɔpɛ me sɛe ei
Ɛne nea ɔpɛ yɛn animguaseɛ o
Ɛne nea ɔrehwehwɛ sɛ
Me ne ɔdɔ yɛntam bɛtete o
Againstfoɔ ei, morebrɛ kwa o, oh-oh, uh
Efirisɛ 'ne' nkoaa, 'ne' nkoaa
'Ne' nkoaa, 'ne' nkoaa ne me werɛkyekyerefoɔ (oh)
Me ne ɔdɔ a na ɛbɛkɔ
Mennyae no o
Yɛbɛwu akɔ asamando, dear ei
Menyɛ yie a mmɔ abubuo na ɔdɔ ei
Efirisɛ, na ɔdɔ bi yɛ owuo o

Me ne me my dear ara na ɛbɛkɔ
Mennyae no o
Yɛbɛwu akɔ asamando, dear ei
Menyɛ yie a mmɔ abubuo na ɔdɔ ei
Efirisɛ ɔdɔ bi yɛ owuo
Sshh Brakatu, me Mama ei, na Ateaa
Me ne ɔdɔ a na ɛbɛkɔ
Mennyae no o
Yɛbɛwu akɔ asamando, dear ei
Menyɛ yie a mmɔ abubuo na ɔdɔ ei
Efirisɛ Mama, ɔdɔ bi yɛ owuo o

Kwɛɛ, oshegbe aloo
Wonim yɛ a yɛ ma yɛnhwɛ, whoa!

Ɛnhye wo
Skin pain (ahoɔyaa)
Sɛ nea yɛahyɛ aseɛ yi deɛ
Saa ara na yɛbɛwie no
Na me ne ɔdɔ aka ntam sɛ
Agyesɛ adaka mu o
Ɔdɔ de ne dɔ ama me a
Me nso mede me dɔ ama no
Ɔdɔ, wo ne obiara mpere ho ao
Wo ne obiara mmɔ mu hyeɛ o
Menkɔ nyaa n'akyiri da o
Me ne ahoɔfɛ ara na ɛbɛwu o
Yɛrewu akɔ asamando, dear ei
Menyɛ yie a mmɔ abubuo na ɔdɔ ei
Efirisɛ ɔdɔ bi yɛ owuo o

Ɛberɛ a mehyiaa my dear no a
Na mete ohia mu
Nso ɔdɔyɛwu paa hyɛɛ me bɔ sɛ
Me nko ara na ɔne me bɛwu o
Ɔdɔ de akoma pa (uh, uh) ɛne anidie (uh-yeah)
Na ɛne biakoyɛ o, obuo ne me tenaeɛ
Nti sɛ Ɔtweduampɔn nkyɛ adeɛ (uh)
(Uh) sɛ kakra abɛdi me ho a (uh-yeah)
Me ne my dear nko ara na yɛbɛdie
Menya na ɔdɔ rebɛgye a ɛyɛ ne dea o
Ɔdɔ ama me ate aseɛ sɛ
Aboa no repɛ kɔkɔɔ ayɛ nti a-eh
Na ɔde neho twitwiri sie
Enti meyɛ yie a mma me nkɔ nnya no da o
Menkɔ nnya no akyriri a-eh
Me ne na ɔdɔ ara na ɛbɛwu o
Yɛrewu akɔ asamando, dear ei
Menyɛ yie a mmɔ abubuo o ɔdɔ ei
Efirisɛ, na ɔdɔ bi yɛ owuo o
Brakatu, me my dear ei, na Ateaa

Musuo nka nea ɔpɛ me sɛe ei, Lumba ei (musuo nka wo)
Musuo nka nea ɔpɛ me animguaseɛ o, K Fosu ei (musuo nka wo)
Yɛnseɛ da ei, yɛnseɛ da o
Yɛnseɛ da o, Brakatu ei
Sɛɛ na ɔbra biara twa owuo o
Adeɛ yi na ɛnkyɛ biara
Na yɛde me nsa agu me bo ao
Magya me dɔfo yi hɔ ao
Na sɛ mekɔ kɔduru asamando
Na asamando yɛ ɔman deɛ a
Ɛnneɛ menkyɛre ho koraa, mɛsan abɛfa me broni akɔ ao
Na yɛakɔtoa yɛn dɔ yi so
Efirisɛ yɛn dɔ yi ɛnsaaeɛ, saa
Wiase yi mu ɔdɔ pa biara nso
Ɛyɛ a na ɛtaa yɛ owuo o
Enti
Me ne ɔdɔ a na ɛbɛkɔ
Mennyae no o
Yɛbɛwu akɔ asamando, dear ei
Menyɛ yie a mmɔ abubuo na ɔdɔ ei
Efirisɛ, na ɔdɔ bi yɛ owuo o
Ei, Brakatu ei
Me Mama ei, na Ateaa
Me ne ɔdɔ ara na ɛbɛkɔ
Mennyae no o
Yɛbɛwu akɔ asamando, dear ei
Menyɛ yie a mmɔ abubuo na ɔdɔ ei
Efirisɛ, na ɔdɔ bi yɛ owuo o

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители