Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Sɛsee Wo Se текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Sesee Wo Se


Sɛsɛɛ wose
Sɛsɛɛ wose
Sɛsɛɛ wose
Sɛsɛɛ wose
Sɛsɛɛ wo se woreyɛ, ayɛ, ayɛ
Ama me ho akyere me o (sɛsɛɛ wose)
Sɛsɛɛ wose menni baabi mpo fa koraa, ɔdɔ (sɛsɛɛ wose)
M'adwareɛ fɔɔeɛ o oh, oh, ansa na wo nsuo rebɛtɔ
Wo na wobɔɔ me se guu m'anum a tutuɛ
Na mabrɛ wo ne mpoatwa o
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Agya, wogye wo ho di
Me hunu wo sɛ ahweneɛ bi a ɛnni bɔn no
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Wogyae me a menhye po o, dansiamoa ei

Sɛsɛɛ wo se woreyɛ, ayɛ, ayɛ
Ama me ho akyere me o (sɛsɛɛ wose)
Sɛsɛɛ wose menni baabi mpo fa koraa, Kwadwo ei (sɛsɛɛ wose)
M'adwareɛ fɔɔeɛ o oh, oh, ansa na wo nsuo rebɛtɔ
Wo na wobɔɔ me se guu m'anum a tutuɛ
Dada na mabrɛ wo ne mpoatwa o
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Wogyae me a menhye po o, dansiamoa ei
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Mɛkɔ ama obi aba o, Prayɛtia Abena

Monhwɛ nea mehunu ne nea meteɛ bi
Abotesɛm ni!
Mɛfa nea n'ani ateɛ
Obi ani bɛte wo so a ɛ'ya o
Wobaaeɛ mehunu o
Ateyie ma awerɛfie ntira
Akranteɛ saa dabɛn a
Nkura nyinaa boɔ ayɛ den sei a
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Wogyae me a menhye po o, ɔdɔ ei
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Mɛkɔ ama obi aba o ɔdɔ, Prayɛtia Abena

Aduana ba ei
Yɛma wo akoma pa a, na yɛaha wo o
Ɔdɔ ne nea ne ho akɔdi mu, m'akoma!
Me gya dum dabɛn a
Na bogya mpo ho ahia me sei a
Mesu a mɛgyae oo dansiamoa ei
Ɔkɔtɔ ei, nampa asa ama wadi bem o, Abrafie ei
Aboa a yɛwe wo dompe ansa na yate wonam, hwɛ
Asɛm na aba ntira
Ɛnnɛ ɔdɔ sɔre a
Dada sɔre a ɔse, "Mmaa abu o"
Menkɔte a mete
Ɔdɔ wosɔre a wose, "Mmaa abu o"
Mmaa no deɛ na abu
Na deɛ ɔbɛtena wo ho ne wo adi 'hia no ɛna
Ne ho ɛ'na o dansiamoa ei
Sɛ 'dea' ɛnnɛ mmaa abu no a
Saa nso ara na mmarima abuo K-Wuo
Ɔdɔ na ɔdɔ wo o, na ɔdɔ
Ɛnyɛ sɛ mabɔ dam koraa, ah
Sɛsɛɛ, sɛsɛɛ, sɛsɛɛ, sɛsɛɛ
Sɛsɛɛ wose
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Agya, wogye wo ho di
Me hunu wo sɛ ahweneɛ bi a ɛnni bɔn no
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Mɛkɔ ama obi aba o, ɔdɔ ei
Ɛnkɔsi daben
Ɛna mo bɛma amansan adaadaa mo?
Ɛnnɛ wobɛ teɛ
Yɛse Daddy Lumba ɔdaeɛ a wansɔre
Ɔnwomtofoɔ no afei deɛ ɔretɔn nnuro, ama yɛakye no
Daddy Lumba ho mmaa bebree, nso abere biara no
Ɔte ne dɔfo nkyɛn
Ɛnkosi daben na amasan bɛdaadaa mo
Dan Baafi, Düsseldorf
Ɔse wodwene ne ho a, wo na wo fɔn!
Monhwɛ ɔkwaterekwa bi a ɔno deɛ ɔse ɔfiraa me ntoma
Monhwɛ ɔkwaterekwa bi a ɔno deɛ ɔse ɔfiraa me ntoma
Wobaaeɛ no na mefira m'Adweneasa dada
Ɛyɛ aniberɛ o
Wonim yɛ a yɛ ma yɛnhwɛ ɛ
Na gyae nsɛmkeka yi a
Wobaaeɛ yɛhunuu o, ɔdɔ o
Ɛnam w'aniberɛ nti, wosɔre a na wode me nenam afiemu a
Dabiara na yɛregu m'anim ase o
Akyerɛ m'adɔfo yi ao
Me a metu asuo asu
Ɛma amansan nom bɔ me din o Kwadwo ei
Ɛna ɛnnɛ nsuo ho nti mese yɛbu me ɔkorɔmfoɔ yi o
Ssshh, ɛyɛ aniberɛ
Wo dwene meho a, wo na wo fɔn!
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Woresɛe me na mereyɛ me keseɛ eh
Abanaba ei, m'ahennie wɔ me o
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Ɛmma monte nisuo o
M'adɔfo ei, na aberɛ biara mewɔ hɔ me ma mo ao
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Agya wogye wo ho di
Mehunu wo sɛ ahweneɛ bi a ɛnni bɔn no
Papa mpo mato no atwene ei, mmɛyɛ kuntan
Sɛsɛɛ wose
Wogyae me a menhye po o, dansiamoa eh
Sɛsɛɛ wose!

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители