Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Yemfa Odo текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: The Very Best of Daddy Lumba, Vol. 1


Gimme the beat
Alright, yes
Hahaha
Okay, let's go
Al-right

Nipa ammɛdi kyɛre pii o
Nti me nua ei, ɛyɛ a kyea me
Wiase agyapadeɛ bebereebe yi a
Yɛmfa nkwati asaman kwan woate
Wode w'ani abɔ wo ho safohene deɛ a
Asuo ei, wonkyere boɔ o
Enti Daddy ei, mese, momma yɛmfa ɔdɔ o
Oh, ah

Nana Adu Mensah
Ɔfiri Gyamaase Kyekyewerɛ
General Pollipo
Ao Paapa ei, Nana se
Owuo atemmuo, obia nni hɔ a wako, ako, adi bim pɛn
Wo mmerɛ no so a na yɛde wo resene o
Ah
Na mese na adɛn koraa
Na adasamma werɛ tumi firi wɔn ho sei yi?
Tete abakɔsɛm kyerɛ yɛn sɛ
Kɔmfo Anɔkye bɛpuee yɛn man mu a
Na ɔyɛ ɔnwanwani
Anɔkye dua borɔdeɛ a nka ɔtwa no da no ara
Anɔkye se ɔrekɔgye awieyɛ aduro aba
Anɔkye kɔɔeɛ na sɛ wamma a, ah, ei
Yɛde bɛtu yɛn ho fo o
Na yɛagyae pɛsɛmenko menya yi
Wo yɔnko bi ho kyere no a ɛyɛ a boa no
Adeɛ bi nie, na yɛde me rekɔ a ɛyɛ a gye me o
Momma yɛnfa ɔdɔ koro
Yie, na ɛne akoma koro
Na ewiase yi mu wosere gye a yɛdema wo
Wo muna nso gye a ɛyɛ saa
Daddy Lumba, mama ei
Ma ɛnnɛ morekasa bɔ me abɔdin yi a, Kwadwo
Mereyɛ nea mɛtumi biara
Ɛbɛyɛ kakra bi na mawu korɔ o
Oh
Ɛ'awerɛhoɔ o

Sɛ yɛde ewiase agyapadeɛ korɔ a
Me nua, nka woamɛto o
Manso ayɛ wo sɛ yareɛ a
Gyae na fa wo sika boa ahiafoɔ
Na mese ɛbɛyɛ kakra, nfɔteɛ bɛbisa wo sɛ
W'agyapadeɛ yi wɔ hen ni o?
Wo sika bebereebe yi wɔ hen ni o?
Wo de anibre gye obi adeɛ a
Me nua wobɛwu agya hɔ
Wobɛyɛ bɔne aseɛ wo din asaase yi so deɛ
Ɛnneɛ yɛ papa ma yɛntan wo o
Na me Daddy Lumba eh, ah
Obi yɛ me papa bi
Sɛ manyi n'ayɛ a, nka yɛbɛka sɛ meyɛ boniayɛfoɔ
Nso mebɔɔ ne din nso ada n'ase a, Kwadwo
Nti 'ne m'aseda nie?
Nti ne din sɛe yi, asukɔnoma nti ma yɛ bɔne bɛn ni a? Ah
Nti merebɛwu ama wo bo adwo
Wiase yi ɔfeɛ akyi nni abofono
Da koro bi wobɛsɔre anɔpa
Na me ho asɛm nenam mframa mu sɛ
Dada daaeɛ a wansɔre o
Lumba, mekɔ me kra akyi
Ɛba no saa me nua fira 'Ɛdwene Asa'
Na tutu fufuo hyira wo kra
Wiase yi barima bɛyɛ bi o
Wamma ammɛyɛ ne nyinaa
Nti Lumba ei, mereyɛ nea mɛtumi biara
Ɛbɛyɛ kakra bi na mawu korɔ o
Ao
Ɛ'awerɛhoɔ o
M'akonta Kwadwo Owusu
Kwadwo, wo nso wo nwom ni o, ah
Daddy ei, m'awieɛ o
Nti na ɛyɛ a merete nisuo yi a, Kwadwo
Amanfoɔ ei-eh (momma yɛmfa ɔdɔ o)
Ɔdasani w'awieɛ o
Me nua, mo awieɛ o, ah
Ghana mma ei-eh (momma yɛmfa ɔdɔ o) one love
Mary Frempɔmaa a, ɔfiri Asante Kumawu, Mary ei
Mary se, oh, (momma yɛmfa ɔdɔ o)
Dada Manu ei
Asante Mampɔn, bibini ba ei
Saa 'dɔfo yi se, oh-eh (momma yɛmfa ɔdɔ o)
Bonaparte, (ei) Saarbrücken na ɔteɛ
Bonaparte se, oh-ei (momma yɛmfa ɔdɔ o) shalom
Okyeba Nyamekyɛ ei, wo nwonkro, 'repem', ah
Amanfoɔ ei, oh (momma yɛmfa ɔdɔ o)
Ah

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители