Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Sika Asem текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: The Very Best of Daddy Lumba, Vol. 1


Uh, uh-uh-uh-uh-uh
Daddy ei
Adeɛ a sika yɛ, ohia ntumi nyɛ bi o
Sika na ɛma opanin yɛ abɔfra wɔ n'abrabɔ mu
Ah Daddy ei (sika asɛm)
Ah, ah, Daddy ei (ɛyɛ sika asɛm)
Ah, ah, Daddy Lumba, mensu o (sika asɛm)
Sika na ɔpanin ah, panin ayɛ abɔfra o (ɛyɛ sika asɛm)
Nti ara ne bebereebe yi
Adehyeman mma aka akwantuo mu yi (sika asɛm)

Adeɛ a sika yɛ, ohia ntumi nyɛ bi o
Sika na ɛma opanin, panin ayɛ abɔfra o, ah (sika asɛm)
Ah, ah, ah-ah Daddy ei (ɛyɛ sika asɛm)
Ah, ah, Daddy Lumba, mensu o (sika asɛm)
Sika na ɔpanin ah, panin ayɛ abɔfra o (ɛyɛ sika asɛm)
'Ntira' ne bebereebe yi
Adehyeman paaa aka akwantuo mu yi (sika asɛm)

Wo se akyi nyɛ wo dɛ a
Ɛno deɛ wo ara na wotafere, ei
Ɔdomankoma bɔɔ adeɛ no
Ɔbɔɔ Koo Daki detoo awia mu
Na sɛ yɛregya Afrika hɔ
Abɛtena mmm amananɔne a, ei
Akwantuo mu awerɛhoɔ
Ɔbrɛ ne mpruntu nwuma yi
Dakie nti sɛ wonto awia biom, 'aane'
Na sɛ snow mu na wobɛwu ada a, ha
Mmm, asɛm sɛbɛ
Monhunu sɛ biribi di akyiri ntira Daddy
Sika asɛm
Daddy ei, mensu o (ɛyɛ sika asɛm)
Sika na ɔpanin ah, panin ayɛ abɔfra o (ɛyɛ sika asɛm)

Ɔdomankoma nhyehyɛeɛ ne sɛ
Ɛnomaa a nka wɔn ntakra korɔ no
Ɛna wɔtu bɔ mu, ei
Fitaa ne tuntum mmɔ abira ah?
Nanso soboɔ bebereebe yi akyi no
Daki se meda so di buroni akyi a
Na sɛ ɛnnɛ Koo Daki se
Buroni kuro mu ara na mobɛwu moada
Salad nyɛ Daki aduane o
Barima ei, na ɛyɛ animia, ei
Yɛbɛsan akɔdi yɛn fufuo
Na mmom botaeɛ bi si yɛani so ntira Daddy
Sika asɛm
Me nua baa mɛnsu o (ɛyɛ sika asɛm)
Sika na ɛma ɔdasani, ɛyɛ adeɛ a n'akoma kyiri o, ah
(Sika asɛm) agya ei
Me nua baa mɛnsu o (ɛyɛ sika asɛm)

Oh
Abi you don't play style

Ɔdomankoma akyɛ me ade o
Ɛnwontoɔ ara na mese mede bɛyɛ m'adwuma Daddy ei
Ɛberɛ a mewiee me nwom a ɛdi kan
"Yieee, Yɛaka Akwantuom"
Menya ɔboafoɔ nti, ɛnwom yi daa dan mu mfie mmiɛnsa a
Ah, na ɛyɛ saa wɔ baabiara
Obiara wɔ akyɛdeɛ a Ɔbɔadeɛ dekyɛɛ no, ah
Nso ɛnam sika asɛm nti
Yɛn nsusueɛ nyinaa aka yɛn tiri mu o, ah
Sika asɛm
Ah, ah, Daddy Lumba, mensu o (ɛyɛ sika asɛm)
Sika na ɔpanin ah, panin ayɛ abɔfra o, ah (sika asɛm)
Ntira ne bebereebe yi
Adehyeman mma aka akwantuo mu yi (ɛyɛ sika asɛm)

Ɔkɛseɛ Dada nti
Abi, wo so nwom ni o, ampa o
Sika na ɛma ɔdɔ gyina woate
Sika asɛm nti na obi agye me dɔfo
Barima, medɔ me yere o
Nso ɛnam sɛ menni sika nti no
Ɔbaa yi ntumi nhunu me dɔ a mede dɔ no
Obi de sika adaadaa buroni
Nyɛ abadɔ na ayɛ biribi
Aboa sika 'ntira' na ama no aba saa
Sika asɛm
Ah, ah, ah-ah-ah Ghana mma ei (ɛyɛ sika asɛm)
Ah, ah akwantufoɔ ei, mma monsu o (sika asɛm)
Sika na ɛma opanin ah, panin ayɛ abɔfra o (ɛyɛ sika asɛm)
Ɔsɛe Sammy ei
Kwaaten ei, mɛnsu o (ɛyɛ sika asɛm)
Yaa Boatemaa, me nua baa mɛnsu o (ɛyɛ sika asɛm)
Nana Yaw ei (sika asɛm, sika asɛm) Dada, mɛnsu o (sika asɛm)
(Sika asɛm) Mr. Antwi ei (sika asɛm)
Yaa Ampɔnsa (sika asɛm) se ɔnsu o (sika asɛm yi o)
(Sika asɛm) ah, ah (sika asɛm)
Ah, ah (sika asɛm, sika asɛm yi a)
(Sika asɛm) ah, ah (sika asɛm)
(Sika asɛm) Ama Rose o (sika asɛm yi) ei (o)
(Sika asɛm) sika na ɛma (sika asɛm) panin, panin
Panin, panin (sika asɛm) panin yɛ abɔfra o (sika asɛm)
(Sika asɛm) 'ntira' ne bebereebe yi (sika asɛm)
Adehyemma (sika asɛm) paa aka akwantuom' (sika asɛm yi o)
(Sika asɛm) Chiboo (sika asɛm)
(Sika asɛm) Chiboo se ɔnsu o (sika asɛm yi o)
(Sika asɛm) ah, ah (sika asɛm)
Ah, ah, ah (sika asɛm) Daddy ei (sika asɛm, ah)
Da-, Daddy ei

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители