Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Odo Nti текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: The Very Best of Daddy Lumba, Vol. 1


Ɛyɛ ɔdɔ nti
Ɛyɛ ɔdɔ ntira Kwadwo
Me ho mmɔɔ me ho so, na aberanteɛ ei
Ɔdɔ ntira
Dada ei, na ɔdɔ nti, ao
Na ɛyɛ ɔdɔ ntira, Kwadwo
Me ho mmɔɔ me ho so o, (na aberanteɛ ei) me nua baa, ah
Ɔdɔ ntira

Dada ei, na ɔdɔ nti, ao
Na ɛyɛ ɔdɔ ntira, Kwadwo ei
Me ho mmɔɔ me ho so o, na aberanteɛ ei
Ɔdɔ nti
Mama ei, na ɔdɔ nti, ao
Ɛyɛ ɔdɔ nti
Me ho mmɔɔ me ho so o, me nua baa, ah
Ɔdɔ ntira
Maame Sɛɛwaa
Ɔdɔ na mede dɔ wo o, Nana eh, ei
Ɛyɛ ɔdɔ ntira (ah), ah Mama ei
Ɔdɔ ntira
Nana Ernest ei
Ɔdɔ na ɔde dɔ wo o, na Akos ei
Ɛyɛ ɔdɔ ntira (ah), Akos ei
Ɔdɔ ntira
Rosemary Ampɔnsa
Botwe Addo se wawu ama wo o, Rose ei
Mmm, ɛyɛ ɔdɔ ntira (ah), ah Rose ei
Ɔdɔ ntira

Ɛyɛ ɔdɔ na medɔ woɔ
Ɛyɛ ɔdɔ na medɔ noɔ o
Na nyɛ sɛ ebiaa masɛe ntira
Wohyia wo dɔfo na sɛ wose wobɛdɔ no a
Ɛyɛ a na ɔse ɔde Adoma
Ɔnim sɛ ebiaa na wo ho abɔ wo ho so ntira
Ah
Ɔsebɔ rebɛsi ko so ama no abɔ ne so sɛn?
Ɔbabunu te sɛ me a me ho nsuo gyina me ho deɛ
Ɔdɔ, me krataa nwuuiɛ ao
Ah, meda so metua town wai (alright)
Mese sɛ nka ɛnyɛ ɔdɔ asɛm a
Magya m'abusuafoɔ agu fie
Abɛfrɛ wo sɛ bra bɛdi m'akoma so hene o
Ewiase yi mu ɔdɔ paa ma nipa gyimi o
Nti ɛyɛ a nsunsum me
Mɛkɔ ama daakye bi me ho ahia wo nkoaa o
Ah
Ɔdɔ ma akunini yɛ mmerɛ wɔ sini anim
Sɛkyerɛni ba paa, ɔdehyeɛ kronkron
Na enti woreteetee me sɛ atantandeɛ
Ɔdɔ nti
Ɔte ɔdɔ ase Nana, me na m'asɛm ni?
Me paa na obi de m'akoma redi agorɔ sei yi?
Daddy Lumba ei, adwo brɛɛ o, ah
Ɛnyɛ hwee o, ɔdɔ ntira
Dada ei, na ɔdɔ nti, ah
Na ɛyɛ ɔdɔ ntira Kwadwo
Me ho mmɔɔ me ho so, na aberanteɛ ei
Ɔdɔ ntira
Saa ara na ɛteɛ o, ewiase yim'
Wo, woahyia wo dɔfo bi a
Ebiaa wode w'akoma nyinaa ama no
Wodɔ no nti a, wose wobɛbɔ ne ho ka no
Ɔno no feel sɛ ebiaa wo ho abɔ wo ho so ntira
Me ho mmɔɔ me ho so o, me nua baa
Ɔdɔ asɛm
Oh

Maame Cornie ei
Lumba brothers se yɛatwe ama wo o, Cornie ei
Mmm, ɛyɛ ɔdɔ ntira (ah), ah Mama ei
Ɔdɔ ntira
Kofi Koomson ei
Akos se wawu ama wo o, Kofi ei
Mmm, ɛyɛ ɔdɔ ntira (ah), Akos ei
Ɔdɔ ntira
Ɔsɛe Buroni
Emelia se wawu ama wo o, Emily ei
Mmm, yɛ ɔdɔ ntira (ah), ah Emily ei
Ɔdɔ ntira
Dada, na ɔdɔ nti, ao
Ɛyɛ ɔdɔ ntira, Kwadwo
Me ho mmɔɔ me ho so o, na aberanteɛ ei
Ɔdɔ ntira
Nana Yaw ei
Doreen se wawu ama wo o, Nana ei
Mmm ɛyɛ ɔdɔ ntira (ah), ah Mama ei
Ɔdɔ ntira
Dada ei, na ɔdɔ nti, ao
Na ɛyɛ ɔdɔ ntira, Kwadwo
Me ho mmɔɔ me ho so o, na aberanteɛ ei
Ɔdɔ ntira
Mama ei, na ɔdɔ nti, ao
Ɛyɛ ɔdɔ ntira, mese
Me ho mmɔɔ me ho so o, me nua baa, ah
Ɔdɔ ntira
Dada ei, ɛyɛ ɔdɔ nti

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители