Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Ebi Se Eye Aduro текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Back for Good


Ɛyɛ a na nkurɔfoɔ dwen sɛ ɛyɛ aduro bi kwa o
Ɛnyɛ aduro o, na ɔdɔ nko ara
Ebi se wode biribi na ayɛ me o, mmm
Ne nyinaa ara yɛ kowaa
Kwadwo Fosu ara na me ne no bɛwu ɛ
Sɛ wonte aseɛ a twa wo yam' o
Mese, dansiamoa ei, yeah
Ɔdɔ bi ɛ'dɛ o, dear eh
Eboo, na mese manya nam dɛ nyinaa
Nanso wo dɔ yi paa yɛ soronko o

Ɛyɛ a na nkurɔfoɔ dwen sɛ ɛyɛ aduro bi woate
Ɛnyɛ aduro o, na ɔdɔ nko ara
Ebi se wode biribi na ayɛ me a, mese
Ne nyinaa ara yɛ kowaa
Maame Sɛɛwaa no ara na me ne no bɛwu o
Sɛ wonte aseɛ a twa wo yam' o
Mese, dansiamoa ei yeah, yeah
Ɔdɔ deɛ na dwoo dwoo o, dear eh
Agya ei, na mese manya nam dɛ nyinaa
(Nanso wo dɔ yi paa yɛ soronko o) Daddy Lumba paa, na me dɔ yi paa deɛ
Whoa

Ɔdɔ atwerɛ ne din wɔ m'akoma pono so
Me dɔ nyinaa wɔ 'ne' nko ara hɔ
Ɔbaa, na ɛnyɛ w'ahoɔfɛ o mese
Na ɛnyɛ ne sika nsoso a
Na mmom ei, ɛyɛ ɔdɔ ara na medɔ no o
Wiase yi mu, ɔdɔ deɛ ɛyɛ 'wuo woate
Mehu' no a, na mahunu ɔdɔ
Menya anigyeɛ soronko bi
Agya ei, na me dɔ Kwadwo Fosu paa deɛ
Ɔnka me ho a meyɛ a ɛnyɛ yie woate, ah
Ɔdɔ bi ɛ'dɛ o
Manhu' wo a nka mennim sɛ, sɛɛ ɔdɔ bi ɛ'dɛ saa
Daddy, wo nkyɛn na mɛwu mada
Bɔ me ɔdɔ nkɔmmɔ na sere kyerɛ meaa
Firisɛ ɔdɔ kɔ deɛ ɔdɔ wɔ woate
Ɛkaa ase nko ara nka onyina mmu
Ɛkaa ɔtamfo nko ara nka yɛasɛe
Biribi ara nni hɔ a ɔdasani bɛtumi ayɛ wiase yi mu a
Ɛbɛtumi atete me ne ɔdɔ ntam'
Ɛnkosi sɛ ɛpo bɛgyae asorɔkye bɔ deɛ
Me dɔ nyinaa ara wɔ wo nko ara
Ɛnkosi sɛ ɛda a owia biara mpue biom
Me dɔ nyinaa ara wɔ wo nko ara
Ɛnkosi sɛ 'akoraa' biara nsu biom wɔ asaase yi so
Me dɔ nyinaa ara wɔ wo nko ara
Ɛnkosi sɛ na nsuo po o, ɛpo 'bɛba' abɛda Asanteman mu deɛ
Maame Sɛɛwaa ei, meda hɔ mema wo nko ara o
Maame, ɔdɔ na medɔ wo o, me hemaa o
Ɛyɛ a na nkurɔfoɔ dwen sɛ ɛyɛ aduro bi woate
Ɛnyɛ aduro o, na ɔdɔ nko ara
Ebi se wode biribi na ayɛ me a, mmm
Ne nyinaa ara yɛ kowaa
Maame Sɛɛwaa no ara na ɔne me bɛwu o
Sɛ wonte aseɛ a twa wo yam' o
Mese, dansiamoa ei yeah, yeah, ah
Ɔdɔ deɛ na dwoo dwoo o, dear ei
Eboo, na mese manya nam dɛ nyinaa
(Nanso wo dɔ yi paa yɛ soronko o) Daddy Lumba paa, na me dɔ yi bɛkumi o
Ah
Agya ei, Nana
Yɛntete againstfoɔ no akoma
Ɛnhye wo

Ɛberɛ a mmerɛkɛnson bɛsi ne tiri aseɛ no
Na ɛwɔ nea asaase reka akyerɛ no
Seisei a merebɔ ɔdɔ din deɛ
Ebi a na, na obi nkɔte aseɛ a
Me dɔfo yi ho asɛm, yɛnka no deɛ ɔnim ao
Ɔdɔ fitaa sɛ asaawa
Mese 'ɔnna' na wada
Sɔre a na wasɔre o
Ɔdɔ nso se yɛnkɔ a na yɛrekorɔ o
Ɔdɔ ne nteaseɛ reyɛ n'adwuma
Mempɛ wei na deɛn koraa na mepɛ biom a?
Ɔdɔ m'akoma nyinaa wɔ wo o
Sɛkyerɛni ba Fosu paa ara deɛ
Mese ɔdɔ ara na medɔ wo o Kwadwo
Ɛyɛ a na nkurɔfoɔ dwen sɛ ɛyɛ aduro bi kwa o
Ɛnyɛ aduro o, na ɔdɔ nko ara
Ebi se wode biribi na ayɛ me o, mmm
Ne nyinaa ara yɛ kowaa
Kwadwo Fosu ara na ɔne me bɛwu o
Sɛ wonte aseɛ a twa wo yam' o
Mese, dansiamoa ei, yeah
Ɔdɔ yi deɛ na dwoo dwoo o, dear ei
Me na mese manya nam dɛ nyinaa
Nanso wo dɔ yi paa yɛ soronko
Maame Sɛɛwaa wo dɔ yi bɛkumi o
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Nsutahene, wo nana yi paa ara deɛ
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Nsutahene Sakyi, wo nana yi paa deɛ o
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Asuoba Adadzewa, wo nana yi paa o
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Kwame Boat, wo ba baa yi paa ara deɛ
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Abena Adwo, me ne wo ba baa yi nko ara deɛ o
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Ejisu Yaa Boɔ ei, wo nana ba baa yi
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Kwadwo Fosu ei, wo ba barima yi paa deɛ-ei
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Ɛyɛ a na ebi se ɛyɛ aduro bi kwa o
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Ebi se wode aduro bi na asɛe me o, saa
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Ɔsɛe Kwame ei, Akua Sɛɛwaa se
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Sister Abena ei, Captain Harry se
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Ɛyɛ a na ebi se ɛyɛ aduro o
Ɔdɔ ara na medɔ wo o
Ebi se wode biribi koraa na asɛe me wai
Ɔdɔ ara na medɔ wo o

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители