Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Eye Onoa текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Back for Good


Ile-ile-ile-ile
Ii-le-le
Mmm, na ɛyɛ ɔno a?
Ɔno na ɔnyɛ deɛn?
Wiase yi mu ha na ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Na nka wo nso so
Mmm, na ɛyɛ ɔno ara
Ɔno na ɔnyɛ deɛn?
Wiase yi mu ha na ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Na nka wo nso so
Ile-ile-ile-ile
Ii-le-le
Ile-ile-ile-ile
Ii-le-le
Wode bɛyɛ ɔdasani yie pa ara
Nka wobɛtumi a nka tena w'ase ara
Na wadom no no a, Charles ei, na ɔse ɔde Agyeman
Wofa no mpo de si wo serɛ so a
Yie ei, na ɔbɛtena wo serɛ so asum wo ara
Ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Charles ei, mesu a mɛgyae o
Sɛ woma w'apɔnkye aduane pa we a
Yie ei, na ɔfu abɔdwesɛ mpo sene ne wura no a
Na ɛyɛ ɔno a? Ah
(Mmm, na ɛyɛ ɔno a?) Ɛyɛ ɔno a?
(Ɔno na ɔnyɛ deɛn?) Ɛnnɛ monhwɛ no ɛ, barima ei
Wiase yi mu ha na ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Na nka wo nso so
(Mmm, na ɛyɛ ɔno a?) Ɛnyɛ ɔno a oh, Charles ei
(Ɔno na ɔnyɛ deɛn?) Ɛnyɛ ɔno a oh, ɛnyɛ ɔno a oh
Wiase yi mu ha na ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Na nka wo nso so
Ile-ile-ile-ile
Ii-le-le
Ile-ile-ile-ile
Ii-le-le
Ahoma se ɔbaa da bɛn koraa a
Na wabɛgye soro akantann yi o? Ha
Ɔbaa da bɛn?
'Mommusa' ahoma sɛ ɔbaa da bɛn koraa a? Ei
Daabi o, sɛɛ onipa nkyɛ na wasesa koraa
Enti me bɔne a meyɛɛeɛ ne sɛ
Mekuu me ho boaa wo wɔ dahia da mu ao
Ɛnnɛ monhwɛ o, waba abɛdane amanfoɔ adɔfo o
Ama Charles ei, madane abusuafoɔ atamfo nnɛ
Wobaaeɛ mehuu wo o paa o
Daddy ei, manhu wo a nka ɛbɛha me, ei
Menim sɛ woreba abɛpam me so sei a, ah
Ebi o, nka ma memfa nea wapɔ prɛko ɛ
Ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Daddy ei, mesu a mɛgyae o
Sɛ woma w'apɔnkye aduane pa we a
Yie ei, na ɔfu abɔdwesɛ mpo sene ne wura no a
Na ɛyɛ ɔno a? Ah
Mmm, na ɛyɛ ɔno a?
Ɔno na ɔnyɛ deɛn?
Wiase yi mu ha na ɔdɔ ma nipa yɛ 'mfomsoɔ' beberee
Na nka wo nso so
Ile-ile-ile-ile
Ii-le-le
Ile-ile-ile-ile
Ii-le-le
Mede nkra rema w'adɔfo nyinaa a
Wɔtuu wo fo sɛ yɛ me bɔne saa o
Yie ei, ɛboɔ nana ei
Wobɛkae me asu da hia da mu o
Ɛnyɛ wo o, na ɛnyɛ wo a oh
Na ɛnyɛ wo a oh, na ɔdɔ ntia o
Asɛm na aba ama ɔkatakyie ayɛ akoa o
Nka wo o, na nka wo nso so, ah
(Mmm, na ɛyɛ ɔno a?) Ɛnyɛ ɔno a oh, Charles ei
(Ɔno na ɔnyɛ deɛn?) Ɛnyɛ ɔno a oh, ɛnyɛ ɔno a oh
Wiase yi mu ha na ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Na nka wo nso so (Ile-ile-ile-ile, i-le-le)
(Mmm, na ɛyɛ ɔno a?) Ɛnyɛ ɔno a oh
(Ɔno na ɔnyɛ deɛn?) Charles ei, madɔ ama mmoa adi o
Wiase yi mu ha na ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Na nka wo nso so (Ile-ile-ile-ile, i-le-le)
(Mmm, na ɛyɛ ɔno a?) Na ɛyɛ ɔno a?
(Ɔno na ɔnyɛ deɛn?) Ɛnnɛ monhwɛ no o, wayɛ barima ei
Wiase yi mu ha na ɔdɔ ma nipa yɛ mfomsoɔ beberee
Na nka wo nso so (Ile-ile-ile-ile, i-l-)

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители