Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Nyame Nhyira Mmaa текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Aben Wo Aha


Mehunu sɛ barima bi reteetee ɔbaa bi a
Ɛyɛ a na ɛyɛ me awerɛho paa
Mehunu sɛ barima deɛ sɛ wommu mmaa a
Na ɛyɛ me sɛ na wonnim nea woyɛ bi o
Nyame nhyira mo o, oh-oh
Ghana mmaa
Nyame nhyira mo o, oh-oh, oh, ei
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Ghana mmaa
Yeah, yeah
Oh-oh
Nyame nhyira mo o, oh-oh
Ghana mmaa
Nyame nhyira mo o, oh-oh, oh, ei
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Ghana mmaa
Ghana mmaa ayɛ bi o, oh
Ei, aseda sɛ mo o

Katakyi ei
Bebereebe yi nyinaa
Wo werɛ afi baabi a wofiri baaeɛ anaa?
Ɔbaa yam na wodaa bosome nkron nti
Sɛ wose wommu mmaa a
Ɛsɛ wo ara

Awoɔ mu asɛm na mmaa yi nko ara na ɛnim a
Abosome nkron mu ayamhyehyeɛ ao
Mmarima ada so yɛn daeɛ pa bi no
Na mmaa yi asɔre si ɔpono yi ano ao
Awerɛhoɔ o, osu
Awerɛhoɔ ne yareɛ o
Awo Yaa, Maame woayɛ bi ao, oh, ei
Sɛ ne mmerɛ so na awoɔ ka no a
Ɔgyina owuo ne nkwa nkwanta o
Akokoɔduru bɛn koraa na ɛsen sei a?
Ghana mmaa ei, moayɛ bi o, boo, ei
Ɛyɛ a na a'werɛhoɔ beberee
Sɛ ɔbaa bi bɛkɔ awoɔ so, na wamma fie
Momma yɛnsu mma wɔn
Wɔmma yɛnsu mma mmaa a
Yɛkɔɔ awoɔ so a, yɛamma bio no
Awɔse agu me o
Wɔmma yɛnsu mma mmaa a
Yɛkɔɔ awoɔ so a, yɛamma bio no
(Awɔse agu) ah (me o)
Na sɛ mekae mmaa a
Yɛkɔɔ awoɔ so a, yɛamma bio no
Na awɔse agu me o
Na sɛ mekae mmaa a
Yɛkɔɔ awoɔ so a, yɛamma bio no
Na osu aduru me o
Wɔmma yɛnsu mma mmaa
Yɛnsu mma mmaa
Yɛnsu mma mmaa yi
Wɔmma yɛnsu mma mmaa
Yɛnsu mma mmaa
Yɛnsu mma yɛn mmaa yi a
Ayekoo

Sɛ mmaa yi mpɛ sɛ yɛtena wiase yi mu a
Awooeɛ mu ara na nka wɔyii yɛn firii hɔ ao
Ɛnnɛ watete wo o
Nti wose wommu mmaa a
Ɛsɛ wo ara
Mehunu ɔbarima bi na ɔreteetee mmaa bi a
Ɛyɛ a na ɛyɛ me awerɛho paa
Mehunu sɛ barima deɛ sɛ wommu mmaa a
Na ɛyɛ me sɛ na wonnim nea woyɛ bi o
Nyame nhyira mo o, oh-oh
Ghana mmaa
Nyame nhyira mo o, oh-oh, oh, ei
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
(Nyame nhyira mmaa) nkankan
Ghana mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Ghana mmaa

Sɛ agorɔ yi bɛyɛ dɛ a (efiri mmaa yi)
Wiase bɛyɛ fɛ a (efiri mmaa yi)
Mpa so bɛyɛ hye a (efiri mmaa yi)
Nkɔmmɔ yi bɛyɛ dɛ (efiri mmaa yi)
Wɔmma yɛnnyegye mmaa yi so
Nea ɔyɛ ɔbaa biara ɔyɛ me hemaa, eh
Wɔmma yɛnnyegye mmaa yi so
Nea ɔyɛ ɔbaa biara ɔyɛ me hemaa
Akosua Sɛɛwaa ei, Maame Ama Esaa ei
Abena Adomaa o, ei
Wiase yi bɛyɛ fɛ a (efiri mmaa yi)
Yiee agorɔ yi bɛyɛ dɛ a (efiri mmaa yi)
Mpa so bɛyɛ hye a (efiri mmaa yi)
Nkɔmmɔ yi bɛku me a (efiri mmaa yi)
Mehunu sɛ barima bi reteetee ɔbaa bi a
Ɛyɛ a na ɛyɛ me awerɛho paa
Mehunu sɛ barima deɛ sɛ wommu mmaa a
Na ɛyɛ me sɛ na wonnim nea woyɛ bi o
Nyame nhyira mo o, oh-oh, ei
Ghana mmaa
Nyame nhyira mo o, oh-oh, oh, ei
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
(Nyame nhyira mmaa) nkankan
Ghana mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Yiee, awonom o
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Awoɔ mu asɛm nti o
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Mo sei nkoaa nti
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Moamma awɔ anne yɛn o
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Franklina ei
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa
Mo sei nkoaa nti
Nyame nhyira mmaa
Nyame nhyira mmaa

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители