Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Hye Woho Den текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Aben Wo Aha


Yɛntɔ nsa nhyira yɛn busuefoɔ ei
Nanso me mpaeɛ ne sɛ, "Nyame nto m'atanfo nna mu o"
Neɛ abere biara ɔmpɛ nyini o ei
Na wahunu me nkɔsoɔ, ama wɔagye adi sɛ oh
Nyame si wo hene a, me ba Fosu ei
Ɔtanfo ntumi nsɛe wo o, nti gye di,
Gye di, gye di, agye Nyame nko ara
Tie me tanfo, mma w'ani mmere me o (hyɛ den, hyɛ den)
Enti me tanfo ei (hyɛ wo ho den)
Me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ den, hyɛ den, agye Nyame nko ara)
Tie me tanfo, mma w'ani mmere me ao (hyɛ den, hyɛ den)
Me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ wo ho den)
Nyame ampene so a woboa o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei
(Agye Nyame nko ara)

Oh, yɛnhyira yɛn busuefoɔ da o
Nanso me mpaeɛ ne sɛ, "Nyame nto m'atanfo nna mu ao"
Neɛ abere biara ɔmpɛ nyini o ei
Na wahunu me nkɔsoɔ, ama wagye Nyame adi sɛ oh-oh ei
Nyame si wo hene a meba Fosu ei, deɛ
Na ɔtanfo ntumi nsɛe wo o, nti gye di
Gye di, gye di, agye Nyame nko ara
Tie me tanfo, mma w'ani mmere me ao (hyɛ den, hyɛ den)
Me hwe ase mpo a mɛsɔre ao (hyɛ wo ho den)
Nyame ampene so a woboa o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei
(Agye Nyame nko ara)
Mete so, mete so, mete so, eh Lumba ei (hyɛ den, hyɛ den)
Me hwe ase mpo a mɛsɔre ao (hyɛ wo ho den)
Nyame ampene so a woboa o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei
(Agye Nyame) oh (nko ara)

Momma me sapɔ ne samina o ei
Na mennware me ho fi, wɔ badwa mu ao
Ɛwɔ amansan anim wai
Sɛ mede nkontompo agye obi adeɛ da a
Yie, mesi ho mmɔho mmɔho wɔ Awurade anim oh, yei yie
Nti me papa a meyɛɛ amanfoɔ nyinaa
Ɛho nnaaseɛ ne animguaseɛ deɛ a
Mehyira mo kosɛkosɛ o
Anka menyaa kɛterɛma apem ei
Na manenanenam afie mu o, mayi m'ano akyerɛ amansan nanso
Nea yɛasɛe me akɔduru no o, ɛnsan nkɔduru a
Kwadwo ei, medi ho yaw beberee
Nti medeɛ me mpaeɛ a mebɔ ne sɛ
Nana Nyame nto m'atanfo nna mu ao, Kwadwo ei
Sɛ nea nkyɛnkyɛ wɔ n'afe nti, obiara bɛhunu bibiara mu nokore oh, oh
Sɛ menni fɛw ao, yie, m'Awurade anim o
Tie me tanfo ei, mma w'ani mmere a (hyɛ den, hyɛ den)
Ghanafoɔ kyiri ɔmama o (hyɛ wo ho den)
Nti gyedi sɛ eh (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei
(Agye Nyame nko ara)
Ao me tanfo ei, me tanfo, mɛbrɛ wiase o (hyɛ den, hyɛ den)
Boniayɛfoɔ ɛ? (hyɛ wo ho den)
Wiase yi mu, adidi daa na ɛyɛ o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei
(Agye Nyame nko ara)

Aprapra nwowa nso ei, mese m'anum dɛ ntira o, oh
Amansan yɛɛ o, Kwadwo, ei
Medeɛ mea? Madi hia pɛn ao oh oh medeɛ mea?
Mesan de akoma pa mawe o, Ama Saa woaha me o, ah
Mehunu sɛ obi ho rekyerɛ no a, na ɛyɛ me sɛ nea menyɛ nea mɛtumi biara
Ɛnfa moa amansan a, Nso papayɛ a meyɛ amanfoɔ nyinaa
Animguaseɛ na megyeɛ o, ɛwɔ amansan anim a
Ɔberempɔn bɛn na wansisi aman mu a, a moangu n'anim ase o
Nti ɛnyɛ me nwanwa beberee
Anokye duaa borɔdeɛ anka ɔtwa no da no ara o
Anwanwadeɛ bɛn na wanyɛ a, ɔyii sika dwa maeɛ o, Asanteman
Ɛnso ɔse ɔrekɔgye awieɛ aduro aba a
Yie, ɔkɔeɛ na sɛ wamma biem a, Ghanaman yɛ nyaa bi kaeɛ o
Menim sɛ me ne m'Awurade ntam yɛ kwan
Mo a monam aseɛ moregu m'anim ase nyinaa ah-ei
Atanfo ei, hyɛ den, hyɛ den, agye Nyame nko ara
Tie me tanfo ei, mma w'ani mmere a (hyɛ den, hyɛ den)
Me hwe ase mpo a mɛsɔre o (hyɛ wo ho den)
Nyame ampene so a woboa o (hyɛ den hyɛ den) Daddy ei
(Agye Nyame nko ara) mete so
Mete so, mete so ei, Lumba ei (hyɛ den, hyɛ den)
Daddy ei, mete so o (hyɛ wo ho den)
Wonte aseɛ a wobrɛ kwa o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei
(Agye Nyame nkoara)
Dan Baafi ei (hyɛ den, hyɛ den)
Ɔmama ho ahi kwa o (hyɛ wo ho den)
Wose wobɛgu n'anim ase a, oh (hyɛ den, hyɛ den)
(Agye Nyame nko ara) yie
Menua Fosu ei (hyɛ den, hyɛ den)
Sefwi ni abranteɛ ei (hyɛ wo ho den)
Maame Serwaa ei, woboɔ nie o (hyɛ den, hyɛ den) Daddy ei
(Agye Nyame nko ara) mete so
Mete so, mete so ei Lumba ei (hyɛ den, hyɛ den)
Mete so ei Lumba ei (hyɛ wo ho den)
Wonte aseɛ a woberɛ kwa (hyɛ den, hyɛ den)
(Agye Nyame nko ara) mete so
Mete so, mete so ei Lumba ei (hyɛ den, hyɛ den) mete so ei Lumba ei

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители