Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Adaka Tea текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Bubra


Woasi so frɔm sɛ nhwiren
Ɛna ama worekyerɛkyerɛ wo ho a
Awia rebɛbɔ ama woaboto a-o
Woayɛ frɔmfrɔm sɛ nhwiren a
Ɛna ama worekyerɛkyerɛ wo ho a
Dabi rebɛba ama woahye ah-oh
Ɔdasani ei, nti wonim sɛ wobɛkyere boɔ a
Woagye asaase yi akɛntɛn so a
Barima ato wo ne mpoatwa yi
Me nua, mfɔteɛ ne wo wɔ bi di ao
Kɔ na wɔnkɔyɛ wo ho adwuma
Wasɔre, abɛyɛ w'akakabensɛm yi
Mese, mekyiri wei, mekyiri wei, metan wei
Barima, yɛmfa nkɔsi hwee oh, ah
Yɛn nyinaa, yɛde owuo ka o
Sɛ Methuselah nyiniiɛ, nyiniiɛ, nyiniiɛ ah-eh
Nyiniiɛ, nyiniiɛ, na sɛ wankyene ɔboɔ deaa, ah
'Nyansafoɔ mfa ntu yɛn ho fo ao
Ɛbɛyɛ kakra na yɛde me nsa agu me bo a
Charles ei, m'awieɛ no ara na aduru no a
Yie, me so nni mfasoɔ biara, yaanom ei
Nsono nkɔ nsono mu ah-eh
Nnɔteɛ nkɔ nnɔteɛ mu
Ɔkra Fosu nso ei, merekɔ agya wo ao
Me daberɛ mu ne adaka teaa
Adaka teaa ei
Obiara nkwati no ao
Adaka teaa ah
Enti anyansafo nsua ɛ
Momma yɛmfa ɔdɔ
Na onipa ammedi kyɛre bi oh, oh

Mmm, adaka teaa ei (adaka teaa ei)
Nyɛ ade a, na obiara bɛkwati no ah-oh
Adaka teaa ah
Yie na ɔdɔ o
(Momma yɛmfa ɔdɔ) ah (na onipa ammedi kyerɛbi oh, oh)

Ɛnnɛ yi a mekɔɔ fie a
Abusua regye me awaawaa atuu no
Tina ei, me wuo akyi no a
Ɛnnɛ yi a mekɔɔ fie a
Abusua regye me awaawaa atuu no
Tina ei, me wuo akyi yi a
Ɛba sɛ merekɔserɛ abusuafoɔ yi a
Ɔmo hunu me ara na, obiara bɛdwane o
Na yɛakɔyi me so apaeɛ sɛ
Ɔsaman aba fie o

Ɔbatan pa a medɔ me mma o
Mentumi nkɔsra me mma yi da
Wɔhu' me a, na obiara bɛdwane o
Firisɛ ɔsaman aba fie
Mayɛ ɔsaman yi eh
Saman twɛntwɛn
Ɔsaman eh, ma w'ani nka w'amena mu ao
Wo daberɛ mu ne adaka teaa
Adaka teaa ei
Obiara nkwati no ao
Adaka teaa ah
Enti anyansafo nsua ɛ
(Momma yɛmfa ɔdɔ) ah
Na onipa ammedi kyɛre bi oh, oh

Mmm, adaka teaa ei (adaka teaa ei)
Nyɛ ade a, na obiara bɛkwati no ah-oh
Adaka teaa ah
Yie na ɔdɔ o
(Momma yɛmfa ɔdɔ) ah (na onipa ammedi kyerɛbi oh, oh)

Adaka teaa ei
Adaka teaa ah
Momma yɛmfa ɔdɔ
Na onipa ammedi kyɛre bi oh, oh

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители