Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Yekurakura Mu текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Give Peace a Chance


Sɛ me kae, sɛ me kae
Anigyieɛ foforɔ a ɛbaa nanim a
Meba koro o, akoma koro
Anigyieɛ ne awerɛhoɔ adane no osuu
Meba Kwadwo akwantuo a woretuo yi
Wayɛ ofie anidasoɔ ooh, ah

Paapa paa na
Katakyie menhunu wo sei bi da oh
Barima nsuo oh, oh, ah nso
Papa de anisuo akasa oh ama mate
Wobubɛ ei, woba te bɛ a, ooh
Mayɛ ofie anidasoɔ ooh, ah

Deɛ ɔgyaa me kwan
Buu makwansini nim sɛ maduru ah, ooh
Deɛ ɔsoaa me ah, ooh
Deɛ ɔsoaa me ah, ooh
Ɔbuu makwansini sɛ maduru dadaada, ah
Ɔnim deɛ ɔbɔfoɔ akɔhunu ah
Sɛ anka ahoɔden nko a
Anka mayɛyie nyɛ nnɛ oh
Sɛ ɛba hyɛden nko a
Nka sika atu tari meho
Mama, mama ei, na ɛmmaa yɛ ooh, Maa
(Yɛ kura kura mu ooh)
(Yɛ kura kura mu ooh)
Nkakra o, nkakra o, nkakra o, nkakra o, Maa
(Yɛ kura kura mu a)
Ɛnyɛ deɛ ɔbɔfoɔ akɔhunu biaa na ɔbɛka
Maame anka wodeɛ a, womma menkasa
Akyerɛ me sɛ aboa sika na ɛkasa
Aaah... Maa
Yɛ kura kura mu ooh
Ɛnyɛ deɛ ɔbɔfoɔ akɔhunu biaa na ɔbɛka
Maame anka wodeɛ a, womma menkasa
Akyerɛ me sɛ aboa sika na ɛkasa
Yɛ kura kura mu ooh... Maa
Nkakra o, nkakra o, nkakra o, nkakra o, Maa
(Yɛ kura kura mu ooh)
(Yɛ kura kura mu ooh)

(Yɛ kura kura mu ah)

Sɛ neɛ yɛdwene no no, Maa
Saa ɛnyɛ saa oo ee, na ɛte, Maa
Sɛ nea nea yɛsusu no no, Maa
Saa ɛnyɛ saa oo ee, na ɛte, Maa
Sɛ sikadua si aburokyiman mu a
Anka yɛbɛtu abɛsi Asanteman mu
Walatu-walasa wɔ Aburokyiman mu
Mɛyɛ yie o, Maa, na ɛbɛkyɛ
Nadom, nadom, nadom, nadom, Maa
Afe aso oo ei
Sɛsɛɛ maame abɛgyina kurotia retwɛn nemma
Ɔresu oo ei, ɔrebisa
Mo a moreba yi nti obiaa anhu me mma yi babiaa?
Ata ne Ataa ei, Frimpong wɔ hene?
Wobɛba na ne maame akyi afu abɛ oo, ei
Kwadwo bɛba na ne maame akyi afu abɛ
Deɛ ɔsoaa me ah
Ɔbuu makwansini sɛ maduru o Rex Mɛnsa, ei
Deɛ ɔsoaa me ah, ooh, deɛ ɔsoaa me ah, ooh
Ɔbuu makwansini sɛ maduru dadaada
Aaah, ah, Maa
(Yɛ kura kura mu ooh)
(Yɛ kura kura mu ooh)
(Nkakra, nkakra oo... Maa)
(Yɛ kura kura mu a)
Ɛnyɛ deɛ ɔbɔfoɔ akɔhunu biaa na ɔbɛka
Maame anka wodeɛ a, womma menkasa
Akyerɛ me sɛ aboa sika na ɛkasa
Aaah... Maa
Yɛ kura kura mu ooh
Ɛnyɛ deɛ ɔbɔfoɔ akɔhunu biaa na ɔbɛka
Maame anka wodeɛ a, womma menkasa
Akyerɛ me sɛ aboa sika na ɛkasa
Yɛ kura kura mu ooh... Maa
Nkakra o, nkakra o, nkakra o, nkakra o, Maa
(Yɛ kura kura mu ooh)
(Yɛ kura kura mu ooh)
(Yɛ kura kura mu a)

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители