Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Sika текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Sika


Ei Baba o
Mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o
Hey Mama, hey Paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ei, ei Mama o, Mama
Mɛnhwɛ mma wo ba o, nneda adagya o
(Hey Mama, hey Paapa) Mama ei
(Pɛ, na sika) ah (ne nipa nkwa)
Wiase mu hia yɛ ya o (oh)
Wiase mu hia yɛ ya o (ah)
Wiase mu hia yɛ ya o
Ka na yɛnka wiase mu hia yɛ ya (ah)
(Wiase mu hia yɛ ya o, oh) hia yɛ ya o
(Wiase mu hia yɛ ya o) hia yɛ ya (ah)
(Wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ) ka na ka
Ka na ka o, ka na ka (hia yɛ ya)
Ei Mama o, Mama
Mɛnhwɛ mma wo mma o, nneda adagya o
Hey Mama, hey Paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ei, ei Baba o (baba)
Mɛmfa wo berɛ o, na nyɛ akwadworɔ o, da
(Hey Mama, hey Paapa) Baba ei, Papa ei
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Wiase mu hia yɛ ya o (oh)
Wiase mu hia yɛ ya o (ah)
Wiase mu hia yɛ ya o
Ka na yɛnka wiase mu hia yɛ ya (ah)
(Wiase mu hia yɛ ya o, oh) hia yɛ ya o
(Wiase mu hia yɛ ya o) hia yɛ ya (ah)
(Wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ) ka na ka
Ka na ka o, ka na ka (hia yɛ ya)
Damfo Adu o
Mɛmfa anibre o nnane ɔtan, yɛsrɛ wo
Mɛmfa ɛkɔm anibre ntwitwa ntwitwa mpoahunu
Nkeka sɛ
Obi sika a wabrɛ anya yɛ sika fi
Sika, ebi yɛ fii? (Woboa)
Sika da bɔɔla so koraa me nua fa bi o
Na ɔyɛ ɔhene o, ɔhene o, ɔhene o
Ebi hyɛ wo ho a, nka woagyae mpoatwa yi, ampa
Ha, pɛ bi o na sika ne nipa nkwa
Nyame korɔ no a Ɔse
Mma yɛnnwene deɛ yɛbɛdi ne nea yɛbɛda ho no a
Nyame korɔ no ara nso se
Nsa a ɛnyɛ adwuma no deɛ, ɛnsɛ na adidi ao
Ɔsoro yɛ ɔboafoɔ o, na adom
Ɔsoro yɛ ɔboafoɔ ei, na ɔboa nea ɔboa ne ho a
Pɛ bio na sika ne nipa nkwa
Mogya nni hɔ a na nkwa nni hɔ ah-eh
Sika nso na yɛde tɔ mogya aduro
(Hey Mama, hey Papa, eh) Papa eh, Papa o
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Mogya nni hɔ a na nkwa nni hɔ ah-eh
Sika nso na yɛde tɔ mogya aduro, ah
(Hey Mama, hey Papa, eh) Papa eh, Papa o
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Wɔfa bɛwu ama madi adeɛ o, adeɛ
Yɛda so te yɛn ABC yi mu ara
Ghana de n'ani to abrɔfo so, eh
Yɛda so te yɛn ABC yi mu ara
Mayɛ yie o Kwadwo
Yɛnkɔyi no o, yɛnkɔyi no o
(Yɛda so te yɛn A-) ah (-BC yi mu ara)
Sɛ abrabɔ yi bɛyɛ yie a (ɛnneɛ agye wo ara, wo ara, wo ara)
Ssh, ah
Ɔkwadwofoɔ 'ɛnkɔ' kan Ɔsɛnkafoɔ Nwoma
Etire du nkyekyɛmu du nkron
Twerɛ Kronkron no na ɛse o, ɔse
Sika ɛna ɛyɛ ade nyinaa ara
Praise the Lord
Kala yi deɛ nka (ɔfata, ɔfata me)
Sɛɛ ɔno nso hunuu me no wadɔ me asie a
Dɔ me ara (dɔ me, dɔ me)
Dɔ me, dɔ me, dɔ me, dɔ me wu ah
Nso boo, adeɛ yi yɛtɔn no soro
Na akyekyedeɛ reyɛ deɛn atɔ, Kwadwo?
Ohia nti ɔdɔyɛwu dam' baabi
Dɔ Papa a ɔdɔɔ me, ɔdɔɔ me
Ɔde benkum ayɛ me bye-bye, bye-bye, nisuo
Nsɛm nyinaa, Nyame ara na Ɔnim ah-eh
Sika, sika
Me deɛ, mato ne din sɛ Ɔgyeawareɛ
Ɛma ɔdɔ sɔ (ɛma ɔdɔ sɔ)
Sɛ ɛnhyɛ me ho a, nka ɔdɔfoɔ biara mma o
Sika nni hɔ a, Nana Sarfo
Sika din baako ne Ɔgyeawareɛ
(Hey Mama) sss, ha (hey Paapa) mɛpɛ
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Charles ei, nea mafa mu nti
Memfa me bra o, na ɛnnyɛ akwadworɔ o
(Hey Mama) bio da (hey Paapa)
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Wiase mu hia yɛ ya o (oh)
Wiase mu hia yɛ ya o (ah)
Wiase mu hia yɛ ya o
Ka na ka o (yɛnka), ka na ka (wiase mu hia yɛ ya, ah) ka na ka
(Wiase mu hia yɛ ya o, oh) hia yɛ ya o
(Wiase mu hia yɛ ya o) hia yɛ ya (ah)
(Wiase mu hia yɛ, wiase mu hia yɛ) ka na ka
Ka na ka, ka na ka (hia yɛ ya)
Ei Baba o
Mɛmfa wo bra o, ɛnyɛ akwadworɔ o
Hey Mama, hey Paapa
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Ken Asare ei, Jakobuni ba
Memfa me bra o, ɛnnyɛ akwadworɔ o
(Hey Mama) Ken, ah (hey Paapa) Mama ei
(Pɛ, na sika) ah (ne nipa nkwa)
Wiase mu hia yɛ ya o (oh)
Wiase mu hia yɛ ya o (ah) hey Mama
Wiase mu hia (hey Papa) yɛ ya o
Ka na yɛnka nso wiase mu hia yɛ ya (ah)
(Wiase mu hia yɛ ya o, oh) hia yɛ ya o
(Wiase mu hia yɛ ya o) hia yɛ ya, hey Mama (ah)
(Wiase mu) hey (hia) Papa (yɛ, wiase mu hia yɛ) ka na ka
Ka na ka o, ka na ka (hia yɛ ya)
Kwame ei, Kakari Kuffour ei
Memfa me bra o, na ɛnyɛ akwadworɔ o
(Hey Mama, hey Papa) KufKak ei
Pɛ, na sika ne nipa nkwa
Afreh ne Kwamena Akyeampɔn se
Yɛmfa yɛn bra o, ɛnnyɛ akwadworɔ da
(Hey Mama, hey Paapa) Affreh ei
(Pɛ, na sika ne nipa nkwa) ah
Ah
Ewiase, nipa bɛnya wo a
Sɛ ɛmfiri ohia a, na ɛfiri yareɛ
Yareɛ yɛ ya, na ohia nso yɛ ya
Whoa!

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители