Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Ɛpokyɛ текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Awosoɔ


Ade mmu mpo yɛde ato baabi a, oh
Afei na ɔdɛɛfoɔ ɛreba
Wosu koraa mede wo reyɛ deɛn
Charley mɛnnyɛ woho na ɛngyegye me
Emmu mpo yɛde ato baabi a, oh
Afei na ɔdɛɛfoɔ ɛreba
Wosu koraa mede wo reyɛ deɛn
Charley mɛnnyɛ woho sɛ ɔgyegyefoɔ
Ɛpokyɛ!
Gyama na ɛyɛ wo sɛ mekɔ a merekɔwe aboɔ o
Ɛpokyɛ!
Wote sɛ asa a, wobɛhunu afɛre o
Ɛdeɛn na merehunu yi (ɔkra Fosu)
Mahobraseɛ o!
Yɛde me sekan ɛredwa nam bi (ɔkra Fosu), ah
Ɛdeɛn ba merete yi a, oh (ɔkra Fosu)
Matɔ ɔdɔ mu o!
Ama yɛde makoma ɛredi agorɔ nnɛ (ɔkra Fosu), ah
Ɛdeɛn na merehunu yi (ɔkra Fosu)
Mahobraseɛ o!
Yɛde me sekan ɛredwa nam bi (ɔkra Fosu), ah
Ɛdeɛn na merete yi a, Kwadwo (ɔkra Fosu)
Matɔ ɔdɔ mu o!
Ama yɛde makoma ɛredi agorɔ nnɛ (ɔkra Fosu), ah
Ɔdɔ kɔ na menkɔ ɛ
Na menna abɔnten o
Mekɔ nso a mennwe aboɔ
Wani ate a kɔ kyea apɔnkye
Ɔdɔ kɔ na menkɔ
Na menna abɔnten
Mekɔ nso a mennwe aboɔ ei
Wani ate a kɔ kyea apɔnkye o
Ɛpokyɛ!
Ɛpokyɛ!
Ɛpokyɛ!
Ɛpokyɛ!
Wote sɛ asa a, wobɛhunu afɛre o, eh
Ɔnyɛ ade mmu bi
Ɔnyɛ ade mmu o
Ɔnyɛ ade mmu bi
Woso ɛtwaamu no na mewe me bonto
Ɔnyɛ ade mmu, de mu bi o
Ɔnyɛ ade mmu o
Ɔnyɛ ade mmu bi
Woso ɛtwaamu no na mewe me mako
Ɛpokyɛ!
Gyama na ɛyɛ wo sɛ mekɔ a merekɔwe aboɔ o
Ɛpokyɛ!
Wote sɛ asa a, wobɛhunu afɛre o, eh
Ɛpokyɛ!
Wosum me a merekɔwe aboɔ, ah
Ɛpokyɛ!
Wote sɛ ɛwoɔ a, wobɛhunu afɛre o

Dabiara mebisa
Ɛdeɛn adeɛ koraa
Akoa yi koraa anya de yɛ3 me a
Meyera kwan koraa mandwene ho
Dabiara mebisa o
Ɛdeɛn aduro koraa
Afena yi koraa anya de twee me a
Metɔɔ ɔdɔ mu a mandwene ho
Anaa ɔdwi so
Anaa ɔhye so
Anaa ɔdwa so
Anaasɛ nkorɔfoɔ aduro yi bi a
Anaa ɔdwi so, ɔdwi so
Anaa ɔhye so
Anaa anumdwa
Anaasɛ nkorɔfoɔ aduro yi bi a
Ma menka nkyerɛ wo
Woso bi paa deɛ nka mɛtena ɛserɛ so (na madi me sugya)
Ɛhyeeɛ a ɛdum
Mɛyɛ adaakwa o (na mada adaakwa)
Ma menka nkyerɛ wo
Woso bi paa deɛ nka mɛyɛ adaakwa (na mada adaakwa)
Woso bi paa deɛ nka mɛtena medan mu o (na madi me sugya)
Ɛpokyɛ!
Ɛpokyɛ!
Ade mmu mpo yɛde ato baabi a
Afei na ɔdɛɛfoɔ ɛreba
Wosu koraa mede wo reyɛ deɛn
Charley mɛnnyɛ woho na ɛngyegye me
Emmu mpo yɛde ato baabi a, oh
Afei na ɔdɛɛfoɔ ɛreba
Wosu koraa mede wo reyɛ deɛn
Charley mɛnnyɛ woho sɛ ɔgyegyefoɔ
Ɛpokyɛ!
Gyama na ɛyɛ wo sɛ mekɔ a merekɔwe aboɔ o
Ɛpokyɛ!
Wote sɛ asa a, wobɛhunu afɛre o
Ɔnyɛ ade mmu bi
Ɔnyɛ ade mmu o
Ɔnyɛ ade mmu bi
Woso ɛtwaamu no na mewe me bonto
Ɔnyɛ ade mmu bi, de mu bi a
Ɔnyɛ ade mmu, de mu o
Ɔnyɛ ade mmu bi
Woso ɛtwaamu no na mewe me mako
Ɛpokyɛ!
Gyama na ɛyɛ wo sɛ mekɔ a merekɔwe aboɔ
Ɛpokyɛ!
Wote sɛ asa a, wobɛhunu afɛre o, eh
Ɛpokyɛ!
Wosum me a merekɔwe aboɔ a
Ɛpokyɛ!
Wote sɛ ɛwoɔ a, wobɛhunu afɛre o
Ɛpokyɛ!

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители