Kishore Kumar Hits

Daddy Lumba - Yɛ Nea Woho B3tɔ Wo - Yentie Obiaa текст песни

Исполнитель: Daddy Lumba

альбом: Awosoɔ


Meyeree me ho kuu me ho maa onipa o
Kuu me ho maa onipa o, kuu me ho maa onipa
Wiase nipa na anhunu nea mayɛ o
Meyeree me ho kuu me ho maa onipa o
Mekuu me ho maa onipa o
Wiase nipa na anhunu nea mayɛ ntia
Ɔbɔadeɛ mpo wɔ homeda
Menni nipa ano akyi nku me ho a
Nipa baa wiase baako pɛ o
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh (nea wo ho bɛtɔ wo)
Mentie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa baa wiase baako pɛ o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh (yɛ nea wo ho bɛtɔ wo)
Juaben Fosu ei (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara (yɛ nea wo ho bɛtɔ wo) ano ah

Meyeree me ho kuu me ho maa onipa o
Kuu me ho maa onipa o, kuu me ho maa onipa
Wiase nipa na anhunu nea mayɛ o
Meyeree me ho kuu me ho maa onipa o, ah
Mekuu me ho maa onipa o
Wiase nipa na anhunu nea mayɛ ntia
Mehyɛɛ da daa dan mu bɔɔ nnwom
Sɛdeɛ m'adɔfo bɛsa abu wɔn mu
Party pɔn pɛ yɛnkae nea woayɛ o
Ɔnya ne girl wie a, ɔnkae nea woayɛ
Ɔbu ne mu a, ɔnkae nea woayɛ o
Ɔbɔadeɛ mpo wɔ homeda eh
Menni nipa ano akyi nku me ho da
Nipa baa wiase baako pɛ o
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh (nea wo ho bɛtɔ wo)
Mentie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa baa wiase baako pɛ o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh (nea wo ho bɛtɔ wo)
Juaben Fosu ei (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara (yɛ nea wo ho bɛtɔ wo) ano ah
Ah, menhwɛ o na mahu o (na mahu wo case)
Mentie o na mate (dede)
Nipa baa wiase baako pɛ o
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh
Ah, menhwɛ o na mahu o (na mahu wo case)
Mentie o na mate (na mate)
Nipa baa wiase baako pɛ o
Nipa mmerɛ yɛ tia o, me nua (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nea wo ho bɛtɔ wo
(Nea wo ho bɛtɔ wo) yɛntie obiara
(Nea wo ho bɛtɔ wo) yɛntie obiara
(Nea wo ho bɛtɔ wo) ano ah
(Nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obi reka o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa baa wiase baako pɛ o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara (nea wo ho bɛtɔ wo) ano ah
Yɛhyɛɛ da maa me aduro sɛ mennom nwu a, manwu o (na ano)
Yɛhyɛɛ da maa me aduro sɛ mennom nwu a, manwu o (na ano)
Sommorɔ anom ɔsono nso wanwoso o (na edwie)
Ɔsebɔ abobɔ mu nso mampusu o, K-Wuo (na nwa, nwa)
Yɛhyɛɛ da maa me aduro sɛ mennom nwu a, manwu o (na ano)
Yɛhyɛɛ da maa me aduro sɛ mennom nwu a, manwu o (na ano)
Sommorɔ anom ɔsono nso wanwoso o (na edwie)
Ɔsebɔ abobɔ mu nso mampusu o, K-Wuo, ah (na nwa, nwa)
Dede bebereebe yi
Wo na wobu no biribi a
Ɛkoɔba Fosu ei, meda a na mada o
Wo na wobu no biribi ah
Ntorɔ ne dede bebereebe yi
Wo na wobu no asɛm bi ah
K. Fosu ei, meda a na mada o
Wo na wobu no biribi ah
Ah, menhwɛ o na mahu o (na mahu wo case)
Mentie o na mate (dede)
Nipa baa wiase baako pɛ o
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh
Ah, menhwɛ o na mahu ah (na mahu wo case)
Mentie o na mate (na mate)
Nipa baa wiase baako pɛ o
Nipa mmerɛ yɛ tia o, me nua (nea wo ho bɛtɔ wo)
Mentie o, mentie o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Mentie o-eh, mentie o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Mentie o, mentie o, mentie obiara (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara (nea wo ho bɛtɔ wo) ano ah
(Nea wo ho bɛtɔ wo) yɛntie obi reka o
(Nea wo ho bɛtɔ wo) nipa baa wiase baako pɛ o
(Nea wo ho bɛtɔ wo) nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh
Nea wo ho bɛtɔ wo

Merebɔ nnwom ma nkorɔfoɔ awareɛ asɔ no ah
Na yɛde yɛano aka me ahyɛ dan mu
Yɛwie nso a, yɛasɛe me sɛ Kwadwo pɛ mmaa
Sɛbe mmaa nyɛ mmire ei
Na yɛapue afiri me dan mu ao
Enti firi nnɛ yi merebɛpue abɔnten paa ara
Ebi a na me nso obi dɔ me o
Merebrɛ yi moanhunu a
Meresu yi moante o
Kennedy Agyapɔn, Kwawuni ba ei
Ɔbrɛfoɔ didi na woabrɛ o
Merebrɛ yi moanhunu a
Meresu yi moante o
Kennedy Agyapɔn, Kwawuni ba ei
Ɔbrɛfoɔ didi na woabrɛ o
Ah, menhwɛ o na mahu o (na mahu wo case)
Mentie o na mate (dede)
Nipa baa wiase baako pɛ o
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh
Ah, menhwɛ o na mahu ah (na mahu wo case)
Mentie o na mate (na mate)
Nipa baa wiase baako pɛ o
Nipa mmerɛ yɛ tia o, me nua (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara asɛm ah (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa baa wiase baako pɛ o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles ei (nea wo ho bɛtɔ wo)
Onua baa ei (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa baa wiase baako pɛ o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa mmerɛ yɛ tia o, Charles eh (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nea wo ho bɛtɔ wo
Yɛntie obiara asɛm (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nipa baa wiase baako pɛ o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Nea wo ho bɛtɔ wo
Mentie o, mentie o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Mentie o, mentie o, mentie o (nea wo ho bɛtɔ wo)
Mentie o, mentie obiara (nea wo ho bɛtɔ wo)
Yɛntie obiara (nea wo ho bɛtɔ wo) ano ah
(Nea wo ho bɛtɔ wo) yɛntie obi asɛm
(Nea wo ho bɛtɔ wo)

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители