Kishore Kumar Hits

Esther Smith - Som Nyame текст песни

Исполнитель: Esther Smith

альбом: Wo Din Nohyeren


Dea yɛreyɛ biara bɛkɔ awie o-o-o
Dea yayɛ no asaase yi so nyinara
Yebebu yɛ'atɛn o, me nua eh
Agya Onyame asɛm nko ara
Na ɛbɛtena hɔ daa
Dea yɛreyɛ biara bɛkɔ awie o-o-o
Dea yayɛ no asaase yi so nyinara
Yebebu yɛ'atɛn o, dabi eh
Agya Onyame asɛm nko ara
Na ɛbɛtena hɔ daa
Enti som Nyame eh
Wɔ wo nkwa nna nyinara wɔ asaase yi so firisɛ
Atɛmmuo bi, wɔ hɔ ma onipa o
Mo mma yɛn nsom Nyame eh
Wɔ yɛn nkwa nna nyinara wɔ asaase yi so firisɛ
Firisɛ atɛmmuo bi, wɔ hɔ ma onipa o
Mo mma yɛn nsom, mo mma yɛn nsom, mo mma yɛn nsom, mo mma yɛn nsom
Mo mma yɛn nsom yɛn Nyame no o-o-o
Firisɛ atɛmmuo bi, wɔ hɔ ma onipa o
Me nua eh
Fa w'akwan ne wo werɛ nyinara hyɛ ni mu o
Firisɛ wiase yi mu neɛma retwa mu akɔ o
Momma yɛnsom no
Momma yɛnsom no
Momma yɛnsom no ye Nyame no, yie
Firisɛ atemmuo wɔ hɔ, ma yɛn
Momma yɛnsom no
Momma yɛnsom no
Momma yɛnsom no ye Nyame no, yie
Firisɛ atemmuo wɔ hɔ, ma yɛn
Ahunumɔborɔ nni hɔ bio
Ɔbɛba no sɛ awenade, awenade
Ɔremma sɛ Oguamma bio

Ahoboa bɛn na w'ayɛ
Ɛda a, tamufoɔ no bɛ ba
Akonta bɛn na wo be bu eh
Wo Nyame no bɛ ba o-o-o
Ɛnfa wo ho nto nea wo wɔ so eh
Firisɛ wiase retwa mu akɔ o
Enti momma yɛnsom Nyame yie
Firisɛ atemmuo wɔ hɔ
Ɛnfa wo ho nto nea wo wɔ so eh
Firisɛ wiase retwa mu akɔ
Enti momma yɛnsom yɛn Nyame yie
Firisɛ atemmuo bi wɔ hɔ
Dea yɛre yɛ biara bɛkɔ awie
Dea yayɛ no asaase yi so nyinara
Yebebu yɛ'atɛn o, me nua eh
Agya Onyame asɛm nko ara
Na ɛbɛtena hɔ daa
Enti som Nyame
Wɔ wo nkwa nna nyinara wɔ asaase yi so firisɛ
Atɛmmuo bi, wɔ hɔ ma onipa o
Mo mma yɛn nsom Nyame eh
Wɔ yɛn nkwa nna nyinara wɔ asaase yi so firisɛ
Atɛmmuo bi, wɔ hɔ ma onipa o
Momma yɛnsom no
Momma yɛnsom no
Momma yɛnsom no ye Nyame no, yie me
Firisɛ atemmuo bi wɔ hɔ, ma yɛn
Momma yɛnsom no
Momma yɛnsom no
Momma yɛnsom no ye Nyame no, yie me
Firisɛ atemmuo wɔ hɔ, ma yɛn

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители