Kishore Kumar Hits

Kojo Antwi - Dadie Anoma II текст песни

Исполнитель: Kojo Antwi

альбом: Afrafra


Dadeɛ anoma e, bɛgye me lɛtɛ kɔ ma ɔdɔ
Dadeɛ anoma e
Dadeɛ anoma e, bɛgye me lɛtɛ kɔ ma ɔdɔ
Dadeɛ anoma e
1
Ɔdɔ, wokɔɔyɛ akyɛ o
M'ani agyina wo o
Mese, wogyaa me hɔ yi
Adwendwen ɛne osu nko ara na ɛku me o
Mafe wo o
Ɔdɔ bɛba dabɛn ni a
Ɔdɔ, wobɛba dabɛn ni a
Mesunu mu wo
M'anisuo ahini me a
Mesunu mu wo
Obi reba a, mane me o Ɛyɛ a, na obi reba a, mane me o
Na sɛ woremane me a, mane me handkerchief o
Ɛno na mede, bɛpepa m'anisuo o
Bɛpepa m'anisuo o, ae
Ɔdɔ, meretwɛn wo o Ɛmma wowirɛnfi me o
Mesrɛ Nyame sɛ, ɔnhwɛ wo so yie
Ɔnfa wo mmɛduru fie dwodwoo
Ayee, mafe wo o
Ɔdɔ bɛba dabɛn ni a
Ɔdɔ, wobɛba dabɛn ni a
Mesunu mu wo
M'anisuo ahini me a
Mesunu mu wo
Obi reba a, mane me o Ɛyɛ a, na obi reba a, mane me o
Na sɛ woremane me a, mane me handkerchief o
Ɛno na mede, bɛpepa m'anisuo o
Obi reba a, mane me o Obi reba a, tworɔ me o
Ɛyɛ a, na obi reba a, tworɔ me o
Obi reba a, mane me o
M'anisuo ahini me o Na sɛ woremane me a, mane me handkerchief o
Ɛno na mede, bɛpepa m'anisuo o
Repeat (loop)
Ɔdɔ bɛba, dabɛn ni a
Obi reba a, mane me o
Ɔdɔ bɛba, dabɛn ni a
Obi reba a, mane me o
Bɛpepa m'anisuo o, ae
Dadeɛ anoma e, bɛgye me lɛtɛ o
Kɔse ɔdɔ ma o
Mesunu mu wo
M'anisuo ahini me o
Mesunu mu wo
Ɔdɔ bɛba dabɛn ni a
Ɔdɔ, wobɛba dabɛn ni a

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители