Kishore Kumar Hits

Kojo Antwi - Emeribi Be Ba текст песни

Исполнитель: Kojo Antwi

альбом: A Compilation Of Early Works of Kojo Antwi


Emeribi bɛ ba
Mɛka m'ano atum, men kasa bio
Emeribi bɛ ba
Wɔde me bɛto adakamu, wubehu me bio
Emeribi bɛ ba
Sɛ wɔbɔ me din a, mɛhu aka matamfo
Afei deɛ man yɛɔ saman
Madane o saman ooo
Man yɛɔ saman
Afei deɛ man yɛɔ saman nti, meho ayɛ hu
Emeribi bɛ ba
Mɛka mese asi so, mensere bio
Emeribi bɛ ba
Wɔbɛka mensa agu mebo, na menkya obiara bio
Emeribi bɛ ba
Sɛ wɔbɔ me din aa anisuo agu madafo
Afei deɛ man yɛɔ saman
Madane o saman ooo
Man yɛɔ saman
Afei deɛ man yɛɔ saman nti, meho ayɛ hu
Afei deɛ man yɛɔ saman
Madane o saman ooo
Man yɛɔ saman
Afei deɛ man yɛɔ saman nti, meho ayɛ hu
Mɛka mensa agu mebo
Ɔde me bɛto adakamu ohhh
Ɛbɛka mekua
Mɛka mensa agu mebo
Ɔde me bɛto adakamu
Wɔbɛfa me akɔ asieyɛ oooohhhhhhhh
Afei deɛ man yɛɔ saman
Madane o saman ooo
Man yɛɔ saman
Afei deɛ man yɛɔ saman nti, meho ayɛ hu
Afei deɛ man yɛɔ saman
Madane o saman ooo
Man yɛɔ saman eh ehhhh
Afei deɛ man yɛɔ saman nti, meho ayɛ hu uuu
Mmmm
Yaanom eee mensu memu ooo
Yaanom eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Obi me nhye gya nti mensu memu oooo (Ajee Ajee)
Yaanom eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Owuo me hyan ba nti mensu memu ooo
Yaanom eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Owuo me hyan nni nti mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Yaanom eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Owuo mpɛ sika nti mensu memu ooo
Yaanom eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Mami Adwoa eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Me siame eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Papa Badwo eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)
Yaanom eee mensu memu ooo (Ajee Ajee)

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители