Kishore Kumar Hits

Mama Esther - NEA ABABIA текст песни

Исполнитель: Mama Esther

альбом: Time Nkoe


Ao, nea aba biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Me nua eh, nea asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi de kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi abɔ kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ao, nea aba biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Me nua eh, nea asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi de kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi abɔ kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae

Ɛmmerɛ Yafja rekɔ ko no
Ɔhyɛɛ Awurade Nyame bɔ bi
Sɔ Ɔdomfoɔ wo de me kɔ
Beduru asomdwoe mu a
Nea ebepue m'apono ano no
Mede bɛbɔ afɔreɛ ama wo o
Yafja kɔɔ ko dii nkunim
Ɛmmerɛ a ofiri ɛko reba anigyeɛ soɔ no
Anwanwasɛm, ne ba baako pɛ o
Ɔno na odikan hyiaa, Yafja kwan
Yafja ani bɔɔ ne ba no anim ara pɛ
Ɔse me ba dɔfo eh, woaha me o
Woabrɛ m'ase papaapa
Medɔba, woaho me werɛ o
Nanso m'abue m'ano ama Awurade eh
Me ba, merentumi nsan m'akyi bio o
Enti wonsonso nea asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ogyidini eh
Nea aba biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Nea asie a, woanni nye ho no
Whɛyie na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi de kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi abɔ kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae

Eh, y'ate no twerɛsɛm mu sɛ
Na Nyame yɔnko paa ne Job o
Awurade adi ne ho adanseɛ
Sɛ Job di mu, na ɔsɔ n'ani yie papaapa
Kae amanenya, ɔkɔm ne sukɔm a
Job faa mu wɔ asaase yi so
Woampɛaba!
Menua, nea asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae
Kae Job amanehunu
Dakoro ne mma
Ne n'agyapadeɛ nyinara firi ne nsa woate?
Ayɔnkofoɔ dii ne ho fɛw
Ne yere mpo kaa sɛ, wei deɛ
Dome wo Nyankopɔn na wu
Job ampene na sɛ
Akyire nea ɛwhere no nyinara bɔɔ ho maa no a
Dɛn na asie menua
Nea aba no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Mese Paul kaa asɛm bi
Sɛ ɔno deɛ
Ɔrena kɔm anaa sɛ adagya o
Ɔremma amanenya anaa sɛ nkrantɛ
Ntete dɔ a ɔwɔ ma Nyankopɔn mu da
Saa ara na meretu wo fo sɛ
Ɛmma nea asie kakra yi
Ntente saa dɔ yi mu
Na Obetumi ahwɛ wo ho
Me nua nea asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Aha, abayareɛ
Ɛmma wei ntete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Awareɛ ne adwuma ayɛ basaa kakra bi
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi de kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Nea aba biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Nea asie a, woanni nye ho no
Whɛyie na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi de kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ
Ne asie biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ
Ne asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Obetumi de kwan ato baabi a
Ɛkwan nna ama wo o
Ne asie biara
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ
Ne asie no
Whɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители