Kishore Kumar Hits

Mama Esther - MEGYEFO TEASE текст песни

Исполнитель: Mama Esther

альбом: Goliath Beko


Jehovah Nissi
Mprenpren mu haw yi, memmma no nha me
Bra yi amanehunu, memmma no nhyɛ me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
(Ade nyinaa ara bɛwie yie) ɛbɛsi me yie o
Mprenpren yi haw yi, memmma no nha me
Bra yi amanehunu, memmma no nhyɛ me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
Ade nyinaa ara bɛwie yie
Ɛmprenpren mu haw yi o
Ɛmprenpren mu amanehunu yi o (adwendwene yi nyinaa)
Dadwene yi nyinaa, memmma emu biara nhyɛ me so da o, ah
Mprenpren mu haw yi, memmma no nha me
Bra yi amanehunu (nya), memmma no nhyɛ me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
(Ade nyinaa ara bɛwie yie) ɛbɛsi me yie o
Ɛmprenpren mu haw yi o
Nisuteɛ bebreebe yi o (ao)
Awerɛhoɔ yi nyinaa, memmma mu biara nhyɛ me so da o, ah
Mprenpren yi haw yi (mprenpren) memmma no (haw yi) nha (o) me
Bra yi amanehunu, (mprenpren) memmma no (yi mu) nhyɛ (amanehunu) me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ (ao)
(Ade nyinaa ara bɛwie yie) ɛbɛsi me yie o

Efiri sɛ, me Gyefo te ase, me Kamafo te ase
Ɔte ase, me Dimafo te ase
Yesu te ase nti, Ɔbɛko agye me o
Ɛwɔ mu sɛ, asetena yi mu ayɛ den, sikasɛm ho ayɛ den
Dadwene adɔɔso, anisuo ayɛ pii
Nanso Ɔte ase nti, Ɔbɛko agye me o
Bible se, "Ɛkɔm berɛ mu, Ɔbɛto me pono
Adagya berɛ mu, Ɔbɛkata me ho (saa)
M'ahokyerɛ berɛ mu nso, Ɔbɛtwitwa agye me o"
'Firisɛ Ɔwu maa me, Ɔsɔre maa me (saa)
Ɔkɔɔ soro maa me, Ɔte ase ma me
Yesu te ase nti, Ɔbɛko agye me o
(Mprenpren yi haw yi, memmma) mprenpren yi mu (no) haw (nha me) yi o
(Bra yi amanenya, memmma) bra yi (no) amanehunu (nhyɛ me so) yi o
(Onyame wɔ m'afa yi deɛ) ao
(Ade nyinaa ara bɛwie yie) ɛbɛsi me yie o
Waka me asom'sɛm bi sɛ
"Ɔmma nsɔhwɛ a ɛboro me so mma me so da, daabi
Ɛreyɛ akyere me so a, Ɔbɛbɔ kwan ayi me afiri mu bɔkɔɔ, ah
Mprenpren yi haw yi, memmma no nha me
Bra yi mu amanenya, memmma no nhyɛ me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
Ade nyinaa ara bɛwie yie
Waka me asom'sɛm bi sɛ
"Ɔne me bɛtena m'ahohia nyinaa mu (saa)
Ɔbɛyi me afiri mu o, na Wahyɛ ne ba animuonyam o, oh
Mprenpren yi haw yi, memmma no nha me
Bra yi amanehunu, memmma no nhyɛ me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
Ade nyinaa ara bɛwie yie
Mprenpren yi haw, memmma no nha me
Bra yi amanehunu, memmma no nhyɛ me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
Ade nyinaa ara bɛwie yie, ah
Mprenpren yi haw yi, memmma no nha me
Bra yi 'amanehunu', memmma no nhyɛ me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
(Ade nyinaa ara bɛwie yie) ɛbɛsi me yie o
(Mprenpren yi haw yi, memmma) ɛbɛwie me (no nha me) yie o
(Bra yi mu 'amanehunu', memmma no) Onyame te ase (nhyɛ me so) yi nti o
(Onyame wɔ m'afa yi deɛ) ei!
(Ade nyinaa ara bɛwie yie) ɛbɛsi me yie o
Mprenpren yi haw yi, memmma no nha me
Bra yi mu amanenya, memmma) Onyame te (no nhyɛ) ase nti (me so)
(Onyame wɔ m'afa) adeɛ a menam (yi) mu yi (deɛ) yi deɛ
(Ade nyinaa ara bɛwie yie) Onyame te ase o
Mprenpren yi haw yi, memmma no nha me
Bra yi 'amanehunu', memmma no nhyɛ me so
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
(Ade nyinaa ara bɛwie yie) ɛmprenpren yi haw yi
(Mprenpren yi haw yi) mprenpren yi mu (memmma no) amanehunu yi (nha me)
(Bra yi amanenya, memmma) nisuteɛ (no nhyɛ) bebreebe yi (me so) ah
Onyame wɔ m'afa yi deɛ
Ade nyinaa ara bɛwie yie

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители