Kishore Kumar Hits

Mama Esther - ONYAME AYEBI текст песни

Исполнитель: Mama Esther

альбом: Goliath Beko


Eh, Nyame aye bi o
Eh, Nyame aye bi, eh
Anka ɛnyɛ o, anka ɛnyɛ o, anka ɛnyɛ o, ah
Asɛm bi aba m'ano oh
Asɛm no ahyɛ me so akyɛre o
Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu
Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam
Asɛm bi aba m'ano oh
Asɛm no ahyɛ me so akyɛre dodo o
Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu
Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam
Wei deɛ ɛyɛ dea m'ahunu o
Ɛnɛ nea m'afa mu
Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu
Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam
Wei deɛ ɛyɛ dea m'ahunu o
Wei deɛ ɛnyɛ asɛm a, m'ate o
Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu
Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam
Mommoa me er?
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Anka ɛnyɛ o, anka ɛnyɛ o, anka ɛnyɛ o, ah
Ade kɛse a Nyame ayɛ ama me no
Adɔfoɔ eh, ɛboro m'adwene so
Me nuanom, ɛsom me bo o
Menhunu no ade ketewaa bi
Ɛnyɛ me na anka ɛfata me
Adom yi deɛ ɛnyɛ me na anka ɛsɛ me da
Ahunumɔbrɔ na Nyame ahunu me
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Adɔfonom metenase komm
Dwendwene abrabɔ mfitiaseɛ paa dea
Adɔfoɔ na anka ɛsɛ me su wae
Ɛsɛ me gyinatoɔ bi, mese
Aduane papa bɛn? nkwa papa bɛn?
Ne daberɛ pa bɛn paa?
Adom na efiri soro abɛdom me
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Nea wiase buu no nkwasea deɛ no
Ɛnɛ Ɔde ahyɛ nyansafoɔ aniwuo woate?
Nneɛma a, na anka wiase mmu no
Ɔde ahyɛ ne din anuonyam o
Ɛwiɛmfoɔ bi ba o, ohiani bi ba
Mɔbrɔni paa ba
Adom na efiri soro abɛdom me
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Nea wiase buu no nkwasea deɛ no
Ɛnɛ Ɔde ahyɛ nyansafoɔ aniwuo woate?
Nneɛma a, na anka wiase mmu no
Nyame de ahyɛ ne ho anuonyam o
Ɛwiɛmfoɔ bi ba o, ohiani bi ba
Mɔbrɔni paa ba
Adom na efiri soro abɛdom me
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Mommoa me er?
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Nyame ayɛ bi, Nyame ayɛ bi, Nyame ayɛ bi o

Oh, mese, ɛmmerɛ bi a, atwa mu no
Adɔfoɔ eh, mehunu abawuo bi
Afei koraa deɛ yafunu mu to yɛ a
Na anidasoɔ nni baabi ara
Nanso anigyesɛm ne sɛ
M'aanyi me gyidie anfiri Onyankopɔn so da
Sɛ ɛnnɛ m'anya m'awoɔ a
Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam
Mese, ɛmmerɛ bi a, atwa mu no
Adɔfoɔ eh, mehunu abawuo bi
Afei koraa deɛ yafunu mu to yɛ a
Na anidasoɔ nni baabi ara da
Anigyesɛm ne sɛ
M'aantwe me gyidie anfiri Onyankopɔn so woate
Sɛ ɛnnɛ m'anya m'awoɔ a
Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam
Wei deɛ ɛyɛ dea m'ahunu o
Ɛnyɛ nea m'ate woate
Ɛyɛ ade a, asi m'abrabɔ mu
Mereka wei ahyɛ Nyame din anuonyam
Mommoa me er?
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi
Meyi n'ayɛ abre nyinara
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi o
Onyame ayɛ bi
Meyi n'ayɛ abre nyinara

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители