Kishore Kumar Hits

Mama Esther - ONOKWAFO текст песни

Исполнитель: Mama Esther

альбом: Waye Lucky


Ao, mewɔ gyidie sɛ
Nyame bɛyɛ ade nyinaa ara yie ama me
Mewɔ awerɛhyɛmu sɛ
Nyame tumi adeɛ nyinaa ara yɛ o
M'akwantuo yi mu o, m'asetena mu o
M'adwumasɛm nyinaa ara hyɛ 'No' nsa
Ɔnokwafoɔ Nyame, Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ao, mewɔ gyidie sɛ
Nyame bɛyɛ ade nyinaa ara yie ama me
Mewɔ awerɛhyɛmu sɛ
Nyame tumi adeɛ nyinaa ara yɛ o
M'akwantuo yi mu o, m'asetena mu o
M'adwumasɛm nyinaa ara hyɛ Ne nsa
Ɔnokwafoɔ Nyame, Ɔno na Ɔbɛyɛ

Ɔnokwarefo No (Ɔno na Ɔbɛyɛ)
Ɔnokwafoɔ No ei (Ɔno na Ɔbɛyɛ) ah
Deɛ atumfoɔ nyinaa ara dan No no (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ)
Ɔkatakyie No, Ɔno na ɛbɛyɛ (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ)
Ah, Ɔnokwafoɔ No (Ɔbɛyɛ) ao (Ɔbɛyɛ)
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Yie ei, Ɔnokwarefo Nyame No ara (Ɔno na) ao (Ɔbɛyɛ)
Nea atumfo nyinaa ara dan No no, Katakyie No o (Ɔno na) ah (Ɔbɛyɛ)
Atokoafrɛ Nyankopɔn No (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ)
Kwansiafamu, Ɔno ara na ɛbɛyɛ (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ)
Ah, Ɔnokwafoɔ No (Ɔbɛyɛ) ao (Ɔbɛyɛ)
Ɔno na Ɔbɛyɛ
(Jehovah)

'Deɛ Ɔde' Israel mma twaa Ɛpo Kɔkɔɔ no
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Deɛ Ɔyii Yona firii bonsu yam no
Ɔno na Ɔbɛyɛ
'Nwisea' Se ne nnyanka Agya no
Aane, Ɔno na Ɔbɛyɛ o, oh, oh
Ɔnokwafoɔ No, ao, Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ɛwɔ mu sɛ, adwuma ayɛ basaa
Dwetire nyinaa ara ahye o
Aware ayɛ bisibisi basaa
Ɛmu anigyeɛ nyinaa ara asa o
Otumfoɔ Nyankopɔn No, Siesiefoɔ, Ɔno na ɛbɛyɛ
Ah, Nokwafoɔ no, ao, Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ɔnokwafo No ei (Ɔno na) ah (Ɔbɛyɛ)
Nyame a, Ɔnnii torɔ No ara, ah (Ɔno na) ah (Ɔbɛyɛ)
Atumfoɔ nyinaa ara Hen (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ)
Ɔkatakyie No, Ɔno na Ɛbɛyɛ (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ)
Ah, Nokwafoɔ No (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) ao
Ɔno na Ɔbɛyɛ

Akunafoɔ kunu No ei
Ɔno na Ɔbɛyɛ o-i
Ɛnnyanka agya
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ahiafoɔ yɔnko Nokwafoɔ no, ao
Ɔno ara na ɛbɛyɛ o, oh, oh, oh
Ɔnokwafoɔ no, ah, Ɔno na Ɔbɛyɛ o
Ɔnokwafo No ei (Ɔno na) ah (Ɔbɛyɛ)
Nyame a, Ɔnnii torɔ No, ah-ha (Ɔno na Ɔbɛyɛ) ei!
Atumfoɔ nyinaa ara Hene no (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ)
Ɔkatakyie No, Ɔno na Ɛbɛyɛ (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ)
Ah, Nokwafoɔ No (Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ) ao
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ
Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ
Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ɔno na Ɔbɛyɛ
Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ
Ɔbɛyɛ, Ɔbɛyɛ

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители