Kishore Kumar Hits

Mama Esther - Waye Lucky текст песни

Исполнитель: Mama Esther

альбом: Waye Lucky


Wo tiri ayɛ yie o
Woadi nkunim o
Nyame atwitwa agye wo o, me nua ei
Woayɛ lucky
Aane, wo tiri ayɛ yie o, ah
Woadi nkunim, woate?
Nyame atwitwa agye wo o, ao
Awurade de mmara kɛseɛ bi awe w'atamfo nnɛ
Ama wɔn nyinaa adwane wɔn anan mu
Wɔn a ɛde wo kɔɔe sɛ, nka yɛnsi wo aboɔ
Wɔantumi annyina o, oh
Ɔde mmara kakraka bi awe w'atamfo nnɛ
Ama wɔn nyinaa adwane wɔn ananm'
Wɔn a ɛde wo kɔɔe sɛ nka yɛnsi wo aboɔ
Wɔantumi annyina o, oh
Ɔse, "Ɔbaa no nie, wɔnto boɔ mmɔ no
Deɛ ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan nto boɔ no ɛ"
Ɔpagyaa ne ti, na baako mpo nnyina hɔ
Sɛɛ amumuyɔfo ne mmaratofoɔ nko
Awudifoɔ ne asisifoɔ nko ara
Wɔantumi annyina o, wɔn anan so
Wɔwɔ henfa ni?
(Wɔadwanedwane) wɔn nyinaa ara adwane
Wɔasan wɔakyi o, oh, oh
Wɔadwanedwane o, asan wɔakyi
Ɛdɔm no wɔ henfa ni?
(Wɔadwanedwane) wɔn nyinaa ara adwane
(Wɔasan wɔakyi o) wɔantumi an- (oh, oh) -nyina o
(Wɔadwanedwane o) ah (wɔasan wɔakyi)
Nyame atwitwa agye wo o, me nua ei
Woayɛ lucky (Wallis Beatz)
Ɔse, "Ɔbaa, wo nkurobɔfoɔ nyinaa adwane kɔ
W'anototofoɔ nyinaa ara asan wɔakyi a
Ɛnneɛ me nso memmu wo fɔ o
Na 'emmom', hwɛ, na woankɔyɛ saa biom
Amma neɛ ɛsoso kyɛn sei amma wo so o, kɔ
Ɛnyɛ saa biom
Ɔbaa, wo nkurobɔfoɔ nyinaa adwane kɔ
W'anototofoɔ nyinaa ara asan wɔakyi a
Ɛnneɛ me nso memmu wo fɔ o
Na 'emmom', hwɛ, na woankɔyɛ saa biom
Amma neɛ ɛsoso kyɛn sei amma wo so o, kɔ
Ɛnyɛ saa biom
Ɛnyɛ abahyɛ bɔne na Nyankopɔn rehyɛ 'woɔ' o
Ɔdɔ kɛseɛ a Ɔwɔ ma woɔ ntira
Ɔmpɛ sɛ ɔdebɔnyɛni, wobɛwu wɔ bɔne mu
Ɔmpɛ sɛ mmaratoni bɛwu mmaratoɔmu
Watwitwa agye wo nnɛ, afiri awudifoɔ nsa mu a
Tena ase nokware mu ma wo Nyankopɔn, firi sɛ ɛnnɛ da yi deɛ
Watwitwa agye wo o, me nua
Wabu wo atɛn, agye wo ah, ah
Watwitwa agye wo nnɛ a, ɛnyɛ saa biom
Wabu wo atɛn agye wo
Ɔdom berɛ no no o
(Watwitwa agye wo o) me nua, nkwagye da nie
(Wabu wo atɛn, agye wo) enti (ah) hwɛ wo ho (ah) yie, woate?
(Watwitwa agye wo nnɛ a) ah (ɛnyɛ saa biom)
(Wabu wo) wote bɔne (atɛn agye wo) mu na nneɛma rekɔ yie a, hwɛ yie
(Watwitwa) hwɛ yie (agye wo o)
(Wabu wo atɛn, agye wo) ah (ah, ah) Nyame dɔ wo o
(Watwitwa) Nyame dɔ wo o (agye wo nnɛ a, ɛnyɛ) Nyame (saa) dɔ wo o (biom)
(Wabu wo atɛn) ah (agye wo) ei, wonnim ɔkyena asɛm nti
(Watwitwa agye wo o) me nua, hwɛ wo ho yie
(Wabu wo atɛn, agye wo ah) empofiri mu wuo wɔ hɔ o
Watwitwa agye wo nnɛ a, ɛnyɛ saa biom
Wabu wo atɛn agye wo

Awurade de mmara kɛseɛ bi awe w'atamfo
Ama wɔn nyinaa adwane wɔn ananm'
Wɔn a ɛde wo kɔɔe sɛ, nka yɛnsi wo aboɔ
Wɔantumi annyina o, oh
Na Ɔde mmara kakraka bi awe w'atamfo
Ama wɔn nyinaa adwane wɔn ananm'
Wɔn a ɛde wo kɔɔe sɛ nka yɛnsi wo aboɔ
Wɔantumi annyina o, oh
Wotri ayɛ yie
(Watwitwa agye wo o) ah, Nyame dɔ wo o
(Wabu wo atɛn, agye wo ah) enti, hwɛ wo ho (ah) yie, woate?
(Watwitwa agye wo nnɛ a) ah, (ɛnyɛ) me nua (saa biom) ei
(Wabu wo atɛn) ah (agye wo) yie ei, wonnim 'kyena asɛm nti
(Watwitwa agye) me nua (wo o) hwɛ wo ho yie
(Wabu wo atɛn, agye wo ah) empofiri (ah) mu wuo wɔ hɔ o, oh
Watwitwa agye wo nnɛ a, ɛnyɛ saa biom
(Wabu wo atɛn agye wo) ao, wonnim 'kyena asɛm nti
(Watwitwa agye wo o) aaah, hwɛ wo ho yie
(Wabu wo) kae (atɛn) sɛ (agye wo ah) mpofiri mu (ah) wuo wɔ hɔ o
Watwitwa agye wo nnɛ a, ɛnyɛ saa biom
(Wabu wo atɛn agye wo) yie ei, ɔdom berɛ no no o
(Watwitwa agye wo o) me nua, nkwagye da nie
(Wabu wo atɛn, agye wo ah) enti, (ah) hwɛ wo yie, woate?
(Watwitwa agye wo nnɛ a) ah, (ɛnyɛ saa) me nua (biom) ei
(Wabu wo atɛn) ah (agye wo) wonnim 'kyena asɛm nti
(Watwitwa agye wo o) me nua, o hwɛ wo ho yie
(Wabu wo atɛn, agye wo ah) ah, (ah) Onyame dɔ wo o
(Watwitwa) Nyame dɔ wo o (agye wo nnɛ a) Nyame (ɛnyɛ saa) dɔ wo o (biom)
Wabu wo atɛn agye wo

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители