Kishore Kumar Hits

Voice Of Pentecost - Kristo N'asore текст песни

Исполнитель: Voice Of Pentecost

альбом: 2023 Theme Songs


Kristo N'asɔre a ɛwɔ babiara
Wayɛ yɛn nkwagyesɛm asoafo
Wiase nkyene ne wiase kanea
Resakyera kuro biara a yɛwɔ mu
Yɛyɛ nipadua koro
Yɛwɔ akyɛde ahorow
Honhom Kronkron ahyɛ yɛn ma
Yɛreyɛ aman nyinaa Kristo de
Gyina yiye, Kristo N'asɔre
Wɔ kronkronyɛ ne nokwaredi mu
N'adwuma n' ho asodi da wo so
Sɔ mpaebɔ ne mmuadadi mu yiye
Kristo N'asɔre asomafo
Adiyifo ne asɛmpakafo
Akyerɛkyerɛfo ne ahwɛfo
R'siesie ahotewfo n' ama wiase nkwagye
Kristo N'asɔre m' somfo nokwafo
Ne onua a wagye asɛmpa n'adi nnɛ
Ma w' hann nhyerɛn, yɛ adwuma no bi
Yɛrefa ɔman biara ama Kristo

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители

KODA

Исполнитель