Kishore Kumar Hits

Joyful Way Incorporated - Gyina Pintin (Stand Firm) текст песни

Исполнитель: Joyful Way Incorporated

альбом: Nyame Ye Ohen


Gyina pintin mɛnpa ba
Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie
Sɛ mpo ɔbonsam tu sa wɔ woso, ah
Adehyemogya no bɛbrɛ nase
Gyina pintin mɛnpa ba
Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie
Sɛ mpo ɔbonsam tu sa wɔ woso, ah
Adehyemogya no bɛbrɛ nase
Mpaninfoɔ se ɔbra yɛ ko oh
Na ebinom nso se ɔbra yɛ bɔna ah
Sɛ ɔbra ne wo adi no nwonwonwonwo ah
Ɛyɛ wosɛ abrabɔ ate wo kwakwa
Wo awaresɛm mu anaa, wo sikasɛm mu anaa
Anaa sɛ ɛyɛ abusuamanso a
Aka wonkoaa wɔ owiase mu
Onyame ba ei
Gyina pintin mɛnpa ba (mɛnpa aba)
Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie
Nasɛ mpo ɔbonsam tu sa wɔ woso ah
Kae sɛ Adehyemogya no bɛbrɛ nase
Kristoni gyina pintin mɛnpa ba wai
Na Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie
Sɛ ɔbonsam tu sa wɔ woso ah
Wowɔ Adehyemogya, na ɛbɛbrɛ nase

Ewurade nim adwen a Ɔdwen fa woho, wai
Ɛnyɛ bɔne, ɛbɛma wo awieeɛ pa
Ɛnti sɛ wode woho to noso a
Ɔndi wo hwamo da
Ɛnsuro Ɔne wona ɛwɔ hɔ
Ɛma wobo ntu Ɔyɛ Onyankopɔn
Ɔbɛ hwɛ wo din, na Ɔbɛ boa wo
Ɔde Nensa tene ne nefa kura woomu
Gyina pintin mɛnpa ba (gyina pintin)
Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie
Sɛ mpo ɔbonsam tu sa wɔ woso ah
Adehyemogya no bɛbrɛ nase
Onua eeee!
Gyina pintin mɛnpa ba (ɛnwosowoso, ɛnwosowoso)
Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie
Sɛ mpo ɔbonsam tu sa wɔ woso, ah (ɛyɛ ahunahuna kwa o)
Adehyemogya no bɛbrɛ nase
Gyina pintin mɛnpa ba (mese gyina pintin o)
Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie (Wawie wɔ Calvary ama wo)
Sɛ mpo ɔbonsam tu sa wɔ woso, ah
Adehyemogya no bɛbrɛ nase
Gyina pintin mɛnpa ba (si nkete si nkete)
(Ɛnwosowoso, ɛnwosowoso) Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie
Nasɛ ɔbonsam sɛ ɔtu sa wɔ woso ah
Wowɔ Adehyemogya bi, ɛbɛbrɛ nase
Onua eeee!
Gyina pintin mɛnpa ba (gyina pintin)
Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie (ɛnhimhim oooo)
Sɛ mpo ɔbonsam tu sa wɔ woso ah (Na woho woso a)
Adehyemogya no bɛbrɛ nase
Gyina pintin mɛnpa ba (gyina pintin)
Ɔbɛyɛ ne nyinaa ma no asi wo yie
Sɛ mpo ɔbonsam tu sa wɔ woso ah
(Tu sa, tu sa, tu sa, tu sa aaaah!)
Adehyemogya no bɛbrɛ nase

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители