Kishore Kumar Hits

Bernice Offei - Wɔyɛ Ne Dɛn? текст песни

Исполнитель: Bernice Offei

альбом: By Grace


Ahiasɛm bi da m'akoma so
Me nua ɛne sɛ
Wɔn a wɔnnim me Nyankopɔn yi
Wɔyɛ ne dɛn?
Wiase mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi
Wɔyɛ ne dɛn koraa?

Ɛfiri sɛ menni Yesu yi anka
Mɛyɛ ne dɛn?
Mehwɛ benkum, mehwɛ nifa
Boafoɔ bi ara nni hɔ
Enti obi nkyerɛkyerɛ me
Na wɔyɛ ne dɛn koraa?

Ɔyɛ me werɛkyekyerefoɔ
Ɔno na Ɔyɛ me botantim
Ɔyɛ me yaresafo
Asɛm to me a Ɔno na Ɔgye me
Anɔpa oh
Awia oh
Sɛ mefrɛ No a Ɔgye me so

Ɔyɛ me werɛkyekyerefoɔ
Ɔno na Ɔyɛ me botantim
Ɔyɛ me yaresafo
Asɛm to me a Ɔno na Ɔgye me
Anɔpa oh
Awia oh
Sɛ mefrɛ No a Ɔgye me so

Enti me nua eheh tie m'asɛm yi o
W'ahoɔden nkɔsi hwee
Wo nyansa nso nkɔsi hwee
Ɔhaw ne amanneɛ bi a ɛda wo so no
Ɔse fa bra Ne nkyɛn

Onua (Fa bra Ne nkyɛn)
Ɔbɛyɛ (Fa bra Ne nkyɛn)
Ɔsu a wosu yi (Fa bra Ne nkyɛn)
Awerɛhoɔ a wodi (Fa bra Ne nkyɛn)
Ɔnni me hwamɔ da
Enti na me se (Fa bra Ne nkyɛn oo...)

Obi nka kyerɛ me (Wɔyɛ ne dɛn?)
Wɔn a wɔnnim Nyame (Wɔyɛ ne dɛn?)
Wiase mu adwendwen yi (Wɔyɛ ne dɛn?)
Nsɔhwɛ bebreebe yi (Wɔyɛ ne dɛn?)
Ɛfiri sɛ mennim Yesu yi anka
Ɔhaw ne atetee yi
Mɛyɛ ne dɛn?
Sɛ mennim Yesu yi anka
Ɔsu ne awerɛhoɔ yi
Mɛyɛ ne dɛn koraa?
Oh oh oh oh
Mɛyɛ ne dɛn koraa?

Enti me nua eheh tie m'asɛm yi o
W'ahoɔden nkɔsi hwee
Wo nyansa nso nkɔsi hwee
Ɔhaw ne amanneɛ bi a ɛda wo so no
Ɔse fa bra Ne nkyɛn

Onua (Fa bra Ne nkyɛn)
Ɔbɛyɛ (Fa bra Ne nkyɛn)
Ɔsu a wosu yi (Fa bra Ne nkyɛn)
Awerɛhoɔ a wodi (Fa bra Ne nkyɛn)
Ɔnni me hwamɔ da
Enti na me se (Fa bra Ne nkyɛn oo...)

Obi nka kyerɛ me (Wɔyɛ ne dɛn?)
Wɔn a wɔnnim Nyame (Wɔyɛ ne dɛn?)
Wiase mu adwendwen yi (Wɔyɛ ne dɛn?)
Nsɔhwɛ bebreebe yi (Wɔyɛ ne dɛn?)
Ɛfiri sɛ mennim Yesu yi anka
Ɔhaw ne atetee yi
Mɛyɛ ne dɛn?
Sɛ mennim Yesu yi anka
Ɔsu ne awerɛhoɔ yi
Mɛyɛ ne dɛn koraa?
Oh oh oh oh
Mɛyɛ ne dɛn koraa?

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Life

2018 · альбом

Похожие исполнители