Kishore Kumar Hits

Bernice Offei - Edabi Reba текст песни

Исполнитель: Bernice Offei

альбом: Grateful


Ɛdabi reba
Owia bɛdane ɛsum
Ɔsra renhyrɛn
Nsroma bɛfiri soro ahwehwe ase
Nyame ba no
De ahoɔden ne anuonyam kɛse bɛba
Ɔbɛba abɛfa
N'asomfoɔ nyinaa aka Ne ho akɔ
Ɛdabi reba
Owia bɛdane ɛsum
Ɔsra renhyrɛn
Nsroma bɛfiri soro ahwehwe ase
Nyame ba no
De ahoɔden ne anuonyam kɛse bɛba
Ɔbɛba abɛfa
N'asomfoɔ nyinaa aka Ne ho akɔ
Asɛm no ne sɛ
Ɛda ne dɔn ko no obiara nnim o (Nnim o)
Ɔsoro abɔfo nnim o (Nnim o)
Ɔba no mpo nnim o (Nnim o)
Twerɛ Kronkron ne se
Gye sɛ Agya nkoaa a na Ɔnim o (Nim o)
Agya nkoaa a na (Nim o)
Ɛno nti yɛ ho ahoboa yie

Sɛnea Noah da no yɛyɛ no
Saa na da yi nso bɛyɛ
Wɔredi na wɔrenom na wɔrewareware
Sɛnea Noah da no yɛyɛ no
Saa na da yi nso bɛyɛ
Wɔredi na wɔrenom na wɔrewareware
Anuanom mmienu bɛwɔ afuom
Nso Ɔbɛfa baako akɔ
Ɔkunu ne ɔyere da mpa so
Nsonso Ɔbɛfa baako akɔ
Onua sɛ w'anhwɛ yie
Ɛda no na wo ho akyerew
Sɛ wodi N'asɛm ne so a
Saa da no wo ho atɔ ho
Onua, Owura Yesu dɔ wo
Ɛno nti na Ɔwu ma wo
Ɔrebɔ w'akoma pono
Wobue a Ɔbɛba mu o

Sɛnea Noah da no yɛyɛ no
Saa na da yi nso bɛyɛ
Wɔredi na wɔrenom na wɔrewareware
Sɛnea Noah da no yɛyɛ no
Saa na da yi nso bɛyɛ
Wɔredi na wɔrenom na wɔrewareware
Anuanom mmienu bɛwɔ afuom
Nso Ɔbɛfa baako akɔ
Ɔkunu ne ɔyere da mpa so
Nsonso Ɔbɛfa baako akɔ
Onua sɛ w'anhwɛ yie
Ɛda no na wo ho akyerew
Sɛ wodi N'asɛm ne so a
Saa da no wo ho atɔ ho
Onua, Owura Yesu dɔ wo
Ɛno nti na Ɔwu ma wo
Ɔrebɔ w'akoma pono
Wobue a Ɔbɛba mu o (Ɔbɛba)
Ɔbɛba mu (Ɔbɛba)
Ɔbɛba mu (Ɔbɛba)
Sɛ wobue ma No a (Ɔbɛba)
Ɔbɛba mu (Ɔbɛba)
Ɔbɛba mu (Ɔbɛba)
Na Ɔne wo abɛtena (Ɔbɛba)
Ɔbɛba mu (Ɔbɛba)
Ɔbɛba mu (Ɔbɛba)
Sɛnea wote biara (Ɔbɛba)
Ɔbɛba mu (Ɔbɛba)
Ɔbɛba mu (Ɔbɛba)
Na W'ama wo daa nkwa (Ɔbɛba)

Ɛdabi reba
Owia bɛdane ɛsum
Ɔsra renhyrɛn
Nsroma bɛfiri soro ahwehwe ase
Nyame ba no
De ahoɔden ne anuonyam kɛse bɛba
Ɔbɛba abɛfa
N'asomfoɔ nyinaa aka Ne ho akɔ
Asɛm no ne sɛ
Ɛda ne dɔn ko no obiara nnim o (Nnim o)
Ɔsoro abɔfo nnim o (Nnim o)
Ɔba no mpo nnim o (Nnim o)
Twerɛ Kronkron ne se
Gye sɛ Agya nkoaa a na Ɔnim (Nim o)
Agya nkoaa a na (Nim o)
Ɛno nti yɛ ho ahoboa yie
Ɛdabi reba
Ɛda obia ara nsusu (Ɛdabi reba)
Ɛno nti siesie wo ho yie (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɔbɛba abɛbu yɛn atɛn (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Hwɛ na sesa w'abrabɔ yie (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɔbɛba abɛfa Ne mma (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Wɔbɛkɔ ɔsoro ahenman mu (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɛda obia ara nsusu (Ɛdabi reba)
Ɛno nti siesie wo ho yie (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɔbɛba abɛbu yɛn atɛn (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Hwɛ na sesa w'abrabɔ yie (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɔbɛba abɛfa Ne mma (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Wɔbɛkɔ ɔsoro ahenman mu (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɛda obia ara nsusu (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɛno nti siesie wo ho yie (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɔbɛba abɛbu yɛn atɛn (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Hwɛ na sesa w'abrabɔ yie (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɔbɛba abɛfa Ne mma (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Wɔbɛkɔ ɔsoro ahenman mu (Ɛdabi reba, Ɛdabi reba)
Ɛdabi reba

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Life

2018 · альбом

Похожие исполнители