Kishore Kumar Hits

Bernice Offei - Nyame Aye Bi Ama Yen текст песни

Исполнитель: Bernice Offei

альбом: Life


HalleluYAH (Nyame ayɛ bi ama yɛn)
Hosanna (W'abɔ yɛ ho ban bibiara mu)
HalleluYAH (W'ama y'anya nkwa mmoroso)
Hosanna
Y'ano ntumi nka deɛ W'ayɛ yi
HalleluYAH (Nyame ayɛ bi ama yɛn)
Hosanna (W'abɔ yɛ ho ban bibiara mu)
HalleluYAH (W'ama y'anya nkwa mmoroso)
Hosanna
Y'ano ntumi nka deɛ W'ayɛ yi
Sɛ ɛnyɛ Awurade na Ɔyɛ yɛn afa
Mo mma Israel nka (Oh oh)
Anka asubɔnten abu afa yɛn kra so (Oh oh)
Sɛ ɛnyɛ Awurade na
Ɔde N'ataban akata yɛn so (Oh oh)
Anka ɔtamfo deɛ ɔde yɛn nkwa ahwe fam dadaada
Enti momma yɛn mmɔ No osee (Oseeye)
Momma yɛnyi N'ayɛ (Ayeyi sɛ No)
Enti momma yɛn mmɔ No osee (Oseeye)
Momma yɛnyi N'ayɛ (Ayeyi sɛ no)
Sɛ biribi wɔ aseda akyi Awurade
Anka Wo na yɛde bɛma Wo
Na ɛsɛ Wo
Sɛ biribi wɔ aseda akyi Awurade
Anka Wo na yɛde bɛma Wo
Na ɛsɛ Wo

HalleluYAH (Nyame ayɛ bi ama yɛn)
Hosanna (Wabɔ yɛ ho ban bibiara mu)
HalleluYAH (W'ama y'anya nkwa mmoroso)
Hosanna
Y'ano ntumi nka deɛ W'ayɛ

Hena na ɔbɛtetew yɛ ne Kristo dɔ yi mu (Oh oh)
Ɛyɛ ohia anaa, ahokyere anaa ɔtae anaa
Nanso eyinom nyinaa mu
Na yɛnam nea Ɔdɔ yɛn ne so (Oh oh)
Na yɛdi nkunim
Yɛdi nkunim mmoroso
Enti momma yɛn mmɔ No osee (Oseeye)
Momma yɛnyi N'ayɛ (Ayeyi sɛ No)
Enti momma yɛn mmɔ No oseeye (Oseeye)
Momma yɛnyi N'ayɛ (Ayeyi sɛ no)
Sɛ Awurade wɔ yɛn afa
Anuanom, hena na ɔne yɛn bɛdi asie wɔ wiase mu
Sɛ Awurade wɔ yɛn afa
Anuanom, hena na ɔne yɛn bɛdi asie wɔ wiase mu

Aseda sɛ Wo ampa (Bɛgye W'aseda, Aseda sɛ Wo)
Ayeyie sɛ Wo ampa (Bɛgye W'ayeyie, Ayeyi sɛ Wo)
Aseda sɛ Wo ampa ara (Bɛgye W'aseda Aseda sɛ Wo)
Ayeyie sɛ Wo ampa (Bɛgye W'ayeyie, Ayeyi sɛ Wo)
Ayeyi, aseda, ntomtom
Ne nyinaa yɛ Wode
Ɛno nti na yɛde brɛ Wo
Ayeyi, aseda, ntomtom
Ne nyinaa yɛ Wode
Ɛno nti na yɛde brɛ Wo
HalleluYAH (Nyame ayɛ bi ama yɛn)
Hosanna (W'abɔ yɛ ho ban bibiara mu)
HalleluYAH (W'ama y'anya nkwa mmoroso)
Hosanna
Y'ano ntumi nka deɛ W'ayɛ yi
HalleluYAH (Nyame ayɛ bi ama yɛn)
Hosanna (W'abɔ yɛ ho ban bibiara mu)
HalleluYAH (W'ama y'anya nkwa mmoroso)
Hosanna
Y'ano ntumi nka deɛ W'ayɛ yi

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители