Kishore Kumar Hits

Oheneba Kissi - Wo Wo Nkwa текст песни

Исполнитель: Oheneba Kissi

альбом: Asem Ne Me Ara


Adeɛ nsaaeɛ a yɛmmɔ Nyame soboɔ aah-eh
(Susu dwen na wobɛnya)
Wonwuuiɛ a wonnim nea wobɛnya nti me nua ei
(Susu dwen na wobɛnya)
Onua, su nkwa na nsu adeɛ aah-eh
(Susu dwen na wobɛnya) ɛfirisɛ
(Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh) ei
(Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh) oh-oh-oh
(Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh) me nua ei
(Susu dwen na wobɛnya) mese
(Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh) oh, eh
(Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh) mmm-mmm-mmm
(Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh) onipa nua ei
(Susu dwen na wobɛnya)

Sika a wonnie nti w'ani abere yi anaa?
Awoɔ a wonwo nti ne bebreebe yi? Me nua ei
Ntoma a wobɛfira ne ataade a wobɛhyɛ nti anaa?
Owuo na ɔtwa ade nyinaa so aah
Wowɔ nkwa mu a wonwuuiɛ yi aah
Mogya redi wo mu aforosane yi aah
Neɛ adeɛ wɔ no de wo deɛ bɛba da bi aah
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ beberee
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Me nua ei, susu dwen na wobɛnya
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Susu dwen na wobɛnya
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
(Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh) me nua ei
Susu dwen na wobɛnya

Yaanom, obi bɛnya wo a na efiri yadeɛ ei
Emfiri yadeɛ a na efiri ohia o
Firisɛ owuo deɛ ɛnyɛ nya wai
Wodwane sɛn ara a ɛbɛto wo o
Ɛnkwa ne adeɛ a ehia, wo deɛ bɛba awirefiri mu wai
Sɛ nea nsuo tɔ a ɛntɔ mma baakofoɔ
Owia nso mmɔ mma baakofoɔ no nti
Neɛ ɔtɔ nsuo, bɔ awia no de wo deɛ bɛba
Wo deɛ, nkwa na ehia

Ɛmma no nha wo sɛ ebinom adi kan agya woɔ
Ɛnyɛ w'adwen sɛ wonsoo aba pa biara
Ɛredane, Sɛɛwaa, wo nsoroma bɛpue da bi aah
Hyɛberɛ nyinaa nyɛ pɛ ara da
Ebi deɛ ba anɔpa paa ara
Ebi deɛ ba awia ketee
Na ebi nso deɛ ba anwummerɛ aah-eh
Wo deɛ ba anadwo nso a, ɛyɛ kan
Agya no ara na Ɔnim
Wahyehyɛ biribi ara pɛpɛɛpɛ aah
Wo deɛ, mese nkwa na ehia eh
Naa Sɛɛwaa, wo nsoroma bɛpue da bi aah-eh
Su nkwa na ɛnsu ade aah-eh
Na wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ nyinaa
Ɛredane, Sɛɛwaa, wo nsoroma bɛpue aah-eh
Me nua ei, su nkwa na nsu adeɛ aah-eh
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Susu dwen na wobɛnya
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh
(Wowɔ nkwa a wowɔ adeɛ aah-eh) nipanua ei
(Susu dwen na wobɛnya) sika yi bɛba
(Wowɔ nkwa a) ahodeɛ (wowɔ adeɛ aah-eh) yi bɛba
Nkwa na (wowɔ) nkwa na (nkwa a) nkwa na
(Wowɔ) nkwa na (adeɛ aah-eh) nkwa na, nkwa na
(Wowɔ) nkwa na (nkwa a wowɔ) ehia aah-eh (adeɛ aah-eh)
Me nua ei, (susu dwen na wobɛnya)
(Wowɔ nkwa a wowɔ) ayɛ (adeɛ aah-eh) nsuo hyeɛ o
(Wowɔ) ɛbɛyɛ nwunu (nkwa a)
(Wowɔ) ama no (adeɛ aah-eh) adwo aah-eh
Nkwa ne ade a (wowɔ nkwa a)
(Wowɔ) edi kan (adeɛ aah-eh) me nua ei
Susu dwen na wobɛnya
(Wowɔ nkwa a) wowɔ nkwa a (wowɔ adeɛ aah-eh) eh
(Wowɔ nkwa a) wowɔ nkwa a (wowɔ adeɛ aah-eh) oh
Ɔdasani (wowɔ nkwa a) nkwa na ehia aah-eh
(Wowɔ adeɛ aah-eh) me nua ei
Susu dwen na wobɛnya
(Wowɔ nkwa a) Wɔfa (wowɔ) Aberanteɛ ei (adeɛ aah-eh)
(Wowɔ nkwa a) ɛyɛ a su (wowɔ) nkwa eh (adeɛ aah-eh)
Nkwa ne ade a (wowɔ nkwa a) edi kan
(Wowɔ) me (adeɛ aah-eh) nua barima eh
Susu dwen na wobɛnya

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Похожие исполнители