Kishore Kumar Hits

Okyeame Kwame - Bra текст песни

Исполнитель: Okyeame Kwame

альбом: Made in Ghana


King Dee
Me dɔ nni hɔ a awɔ nko ara
Ɔba nso a, ntɔkwa nko ara
Enti meyɛɛe sɛ nka mɛdɔ obi foforɔ
Nanso mekɔɔeɛ yi a, afei na mahu o
Wo ntɔkwa mpo yɛ fɛ kyɛn obi dɔ o, dɔ o, dɔ o
Me dɔ nni hɔ a awɔ nko ara
Ɔba nso a, nwiinwii-nwiinwii
Enti meyɛɛe sɛ mɛdidi baabi foforɔ
Nanso mekɔɔeɛ yi a, afei na mahu o
Wo nwiinwii-nwiinwii yi, mafe, nti bra o, bra o, bra o
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Wo ntɔkwa mpo yɛ fɛ kyɛn obi dɔ o, dɔ o, dɔ o
(Awɔ de me nso, mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Wo nwiinwii-nwiinwii yi, mafe, nti bra o, bra o
(Awɔ de me nso mayɛ hye)
Wonnim sɛ worekɔyi me so bɛte?
Wo dɔ pa bi abɛdi me hɔ na mese bɛgye?
Nti wontee sɛ mini ne leggings, geggings a
Nti ɛyɛ a girls yi hyɛ yi
Sɛ ɔmo de fa me so a na me home te?
Ɛrekɔduru anadwo a hwan na ɔbɛka me hye?
Awɔ de me nso wobɛhwɛ me ho ayɛ hye
Na me ex-girl bi number ahuri asi me tirim'
Sɛ memfrɛ no koraa mpo na ɔmbɛka me hye
Kɔ Facebook kɔhwɛ, girls yi, nsɔhwɛ
Nyɛ sɛ mapromise wo a nka mebɔɔ obi tɔdwɛ
Nyɛ me mpo na mekɔpɛ, nyɛ me dɔ mpo na ɔmo pɛ
Fresh boy posts, Jackie Appiah mpo nyaa a nka ɔbɛhwɛ
Nti wofeeli a gyae chichis
Dawge nnafofoɔ yi na ɔmo yɛ witches
Checke WhatsApp na matwa wo tickets
Bra fie, Missus, na bɛtwa me kisses, mwaah!
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Wo ntɔkwa mpo yɛ fɛ kyɛn obi dɔ o, dɔ o, dɔ o
(Awɔ de me nso, mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Wo nwiinwii-nwiinwii yi, mafe, nti bra o, bra o
(Awɔ de me nso mayɛ hye)
Ma menkyerɛ neɛ nti a mefrɛ wo Manhyia
Wo sɛso hemaa deɛ, agye Manhyia
Makyin wiase, obi sɛ wo, manhyia
Enti bra fie bɛdom me na mehyia wo Manhyia
Medɔ wo biaa, ɛnyɛ Sophiaa
Wodam sɛ Kantanka, na nyɛ obi KIA
Mɛgyegye obi so paa deɛ ebi a w'akyi a
Enti hunu sɛ emmuuiɛ, seisei na akyea
Yaa, woreha me o, me knicker mu rebu o
Susu twe m'aso, na obi twe ma me o
Hunu sɛ barima ɛ'mmrɛ wɔ mma yi anim o
Wo ara na mepɛ, nti bra (ei) na bɛgye me o
Adwen bɔne bɛba barima tirim' a, efiri ɔbaa akomam'
Ankonam deɛ mempɛ, menkyekyere me ho wɔ ahomam'
Ei, hwɛ sɛ woafiri me mpam' ama mereka me ho hye wɔ ntomam'
Wo nwiinwii-nwiinwiii yi, mafe, nti bra o, bra o, bra o (bɔ hɔ biom!)
Adwen bɔne bɛba barima tirim' a, efiri ɔbaa akomam'
Ankonam deɛ mempɛ, menkyekyere me ho wɔ ahomam'
Ei, hwɛ sɛ woafiri me mpam' ama mereka me ho hye wɔ ntomam'
Wo nwiinwii-nwiinwiii yi, mafe, nti bra o, bra o, bra o, eh
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Wo ntɔkwa mpo yɛ fɛ kyɛn obi dɔ o, dɔ o, dɔ o
(Awɔ de me nso, mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Bra o, bra o, bra o (mayɛ hye)
Wo nwiinwii-nwiinwii yi, mafe, nti bra o, bra o
(Awɔ de me nso mayɛ hye)
Agya-ei!
Wutah-fire (yeah) okay, Wutah-fire
Okay, yeah, Wutah-fire, okay, haha

Поcмотреть все песни артиста

Другие альбомы исполнителя

Kpa

2020 · сингл

BRA

2019 · сингл

Похожие исполнители

4x4

Исполнитель